Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 10 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The proverbs of Solomon: A wise son brings joy to his father, but a foolish son brings grief to his mother. Salomo mmebusɛm: Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.
2 Treasures gained by wickedness do not profit, but righteousness rescues from death. Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo, nanso trenee gye onipa fi owu mu.
3 Our Father will not let the righteous go hungry, but he thwarts the craving of the wicked. Awurade remma ɔkɔm nne ɔtreneeni na omumɔyɛfo de, ɔka nʼadepa gu.
4 Lazy hands make you poor, but diligent hands bring wealth. Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba.
5 He who gathers in summer is a prudent son, but he who sleeps during harvest is a son who brings shame. Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafo na nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni.
6 Blessings rest on the head of the righteous, but the mouth of the wicked conceals violence. Atreneefo hyɛ nhyira kyɛw na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.
7 The memory of the righteous is a blessing, but the name of the wicked will rot. Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na omumɔyɛfo din bɛporɔw.
8 A wise heart accepts commands, but a babbling fool comes to ruin. Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm, na ɔkwasea kasafo hwe ase.
9 Whoever walks in integrity walks securely, but he who makes his ways crooked will be found out. Ɔnokwafo nantew dwoodwoo, na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
10 Whoever winks causes trouble, and a babbling fool comes to ruin. Nea ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba, na ɔkwasea kasafo hwe ase.
11 The mouth of the righteous is a fountain of life, but the mouth of the wicked conceals violence. Ɔtreneeni anom yɛ nkwa asuti, na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.
12 Hatred stirs up conflict, but love covers all offenses. Ɔtan kanyan mpaapaemu, nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.
13 On the lips of the discerning, wisdom is found, but a rod is for the back of one who lacks sense. Wohu nyansa wɔ nhumufo anom, na abaa fata nea onni adwene akyi.
14 The wise store up knowledge, but the mouth of a fool invites ruin. Anyansafo kora nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.
15 The wealth of the rich is their fortified city; the ruin of the poor is their poverty. Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe.
16 The wage of the righteous leads to life; the gain of the wicked leads to sin. Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn, na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn.
17 Whoever accepts discipline is on the path to life, but he who ignores correction leads others astray. Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan, na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.
18 Whoever conceals hatred is a liar, and whoever spreads slander is a fool. Nea ɔkata nitan so no yɛ ɔtorofo, na nea odi nseku no yɛ ɔkwasea.
19 Where words are many, sin is never absent; but whoever holds his tongue is wise. Mfomso mpa ɔkasa bebree mu, na nea ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafo.
20 The tongue of the righteous is choice silver; the heart of the wicked is worth little. Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasa nanso omumɔyɛfo koma nni bo.
21 The lips of the righteous nourish many, but fools die for lack of sense. Atreneefo ano ma bebree aduan, na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu.
22 The blessing of our Father brings wealth, and he adds no sorrow with it. Awurade nhyira de ahonya ba, na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.
23 Doing wickedness is a game to a fool, but wisdom is the delight of a person of understanding. Bɔneyɛ yɛ anigyede ma ɔkwasea, nanso nea ɔwɔ nimdeɛ anigye wɔ nyansa mu.
24 What the wicked dreads will come upon him, but the desire of the righteous will be granted. Nea amumɔyɛfo suro no bɛba wɔn so; na nea atreneefo pɛ no, wɔde bɛma wɔn.
25 When the storm has passed, the wicked are gone, but the righteous are established forever. Sɛ ahum no betwa mu a, amumɔyɛfo yera, nanso atreneefo gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
26 Like vinegar to the teeth and smoke to the eyes, so is the sluggard to those who send him. Sɛnea nsa keka ɛse, na wusiw kɔ aniwa no, saa ara na ɔkwadwofo yɛ ma wɔn a wɔsoma no.
27 The fear of our Father lengthens life, but the years of the wicked will be cut short. Awurade suro ma nkwa tenten, nanso wotwa amumɔyɛfo nkwa so.
28 The hope of the righteous brings joy, but the expectation of the wicked will perish. Atreneefo anidaso de ahotɔ ba, nanso amumɔyɛfo anidaso nkosi hwee.
29 The way of our Father is a refuge for the blameless, but ruin for those who do evil. Awurade kwan yɛ guankɔbea ma ɔtreneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne.
30 The righteous will never be shaken, but the wicked will not remain in the land. Wɔrentɔre atreneefo ase da, nanso amumɔyɛfo renka asase no so.
31 The mouth of the righteous yields wisdom, but the perverse tongue will be cut off. Nyansa fi ɔtreneeni anom ba nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene.
32 The lips of the righteous know what is acceptable, but the mouth of the wicked, only what is perverse. Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfata na omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]