Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 11 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Dishonest scales are an abomination to our Father, but accurate weights are his delight. Awurade kyi asisi nsania, na nʼani gye nokware nkaribo ho.
2 When pride comes, then comes disgrace, but wisdom comes with the humble. Ahantan ba a, animguase na edi so, nanso ahobrɛase de nyansa ba.
3 The integrity of the upright guides them, but the crookedness of the treacherous destroys them. Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan; nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn.
4 Wealth does not profit in the day of wrath, but righteousness delivers from death. Ahonya nka hwee wɔ abufuwhyew da no, nanso trenee gye nkwa fi owu mu.
5 The righteousness of the blameless makes their way straight, but the wicked falls by his own wickedness. Wɔn a wonni bɔne no trenee bɔ kwan tee ma wɔn, nanso amumɔyɛfo amumɔyɛsɛm brɛ wɔn ase.
6 The righteousness of the upright delivers them, but the treacherous are trapped by their own craving. Pɛyɛfo treneeyɛ gye wɔn, nanso akɔnnɔ bɔne afiri yi nkontompofo.
7 When a wicked person dies, his hope perishes, and his confidence in his own strength comes to nothing. Sɛ omumɔyɛfo wu a, nʼanidaso yera; nea osusuw sɛ obenya afi ne tumi mu nyinaa no yɛ ɔkwa.
8 The righteous is delivered from trouble, and the wicked comes into it in his place. Wogye ɔtreneeni fi amane mu, na ɛba omumɔyɛfo so mmom.
9 With his mouth the godless destroys his neighbor, but through knowledge the righteous are delivered. Nea onsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔtreneeni nam nimdeɛ so fi mu.
10 When things go well for the righteous, the city rejoices, and when the wicked perish, there are shouts of joy. Sɛ atreneefo di yiye a, kuropɔn no di ahurusi; nanso amumɔyɛfo wu a, wɔbɔ ose.
11 By the blessing of the upright a city is exalted, but by the mouth of the wicked it is torn down. Pɛyɛfo nhyira ma kuropɔn no kɔ so, nanso amumɔyɛfo ano ma ɛbɔ.
12 Whoever despises his neighbor lacks sense, but a person of understanding stays silent. Onipa a onni adwene no bu ne yɔnko animtiaa, nanso nea ɔwɔ nhumu no to ne tɛkrɛma nnareka.
13 A gossip goes about revealing secrets, but someone with a trustworthy spirit can keep a secret. Nsekudi sɛe ahotoso, nanso nea wɔwɔ ne mu ahotoso no kora ahintasɛm.
14 Where there is no guidance, a people falls, but in an abundance of counselors there is safety. Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba.
15 Whoever puts up security for a stranger will surely suffer for it, but whoever hates shaking hands on a pledge is secure. Nea odi akagyinamu ma ɔfoforo no behu amane, na nea ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasi ase no aso mu dwo no.
16 A gracious woman attains honor, and ruthless men attain riches. Ɔbea a ne yam ye no, wɔde obu ma no, nanso mmarima atirimɔdenfo nya ahode nkutoo.
17 A kind person benefits himself, but a cruel person brings trouble on himself. Ɔyamyefo ye ma ne ho, na otirimɔdenfo de ɔhaw ba nʼankasa so.
18 The wicked earns deceptive wages, but whoever sows righteousness earns a true reward. Omumɔyɛfo nya akatua a ennyina, nanso nea ogu trenee aba no twa aba a edi mu.
19 Whoever is steadfast in righteousness finds life, but whoever pursues evil runs to his own death. Nea ɔyɛ nokware treneeni no nya nkwa, nanso nea ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owu mu.
20 Those of crooked heart are an abomination to our Father, but those whose ways are blameless are his delight. Awurade kyi nnipa a wɔn koma akyea, na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm no ho.
21 You can be sure the evil person will not go unpunished, but the children of the righteous will go free. Gye to mu sɛ, amumɔyɛfo benya wɔn akatua, na atreneefo benya wɔn ti adidi mu.
22 Like a gold ring in a pig's snout is a beautiful woman who shows no discretion. Ɔbea hoɔfɛfo a ontumi nsi gyinae no te sɛ sika kaa a ɛhyɛ prako hwene mu.
23 The desire of the righteous ends only in good, but the hope of the wicked ends in wrath. Atreneefo apɛde wie yiye, nanso amumɔyɛfo anidaso wie abufuwhyew.
24 One person gives freely, yet grows all the richer; another withholds what is right, only to end up in need. Obi yɛ adɔe, na onya ne ho bebree; obi nso yɛ pɛpɛe, nanso ehia no.
25 A generous soul will be enriched, and whoever refreshes others will himself be refreshed. Ɔyamyefo bɛkɔ so anya ne ho; na nea ɔma ebinom mee no nso bɛmee.
26 The people curse whoever holds back grain, but the one who sells it is blessed. Nnipa dome nea ɔde atoko sie, na nhyira ba nea ɔtɔn ne de so.
27 Whoever diligently seeks good seeks favor, but whoever searches for evil, evil will come to him. Nea ɔhwehwɛ papa akyi kwan no nya anisɔ, na nea ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.
28 Whoever trusts in his riches will fall, but the righteous will flourish like green leaves. Nea ɔde ne ho to nʼahonyade so no bɛhwe ase, na ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono.
29 Whoever brings trouble on his own household will inherit the wind, and the fool will be servant to the wise of heart. Nea ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bedi mframa ade, na ɔkwasea bɛyɛ onyansafo somfo.
30 The fruit of the righteous is a tree of life, and whoever wins souls is wise. Ɔtreneeni aba yɛ nkwadua, na nea ogye akra no yɛ onyansafo.
31 If the righteous is repaid on earth, how much more the wicked and the sinner! Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa; na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]