Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 12 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Whoever loves discipline loves knowledge, but whoever hates correction is senseless. Obiara a ɔpɛ ahohyɛso no pɛ nimdeɛ, na nea okyi nteɛso no yɛ ogyimifo.
2 A good man obtains favor from our Father, but he condemns the man who schemes evil. Nnipa pa nya Awurade nkyɛn adom, na Awurade bu amumɔyɛfo fɔ.
3 No one is established by wickedness, but the root of the righteous will never be moved. Amumɔyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim, na wɔrentumi ntu ɔtreneeni ase.
4 A wife of noble character is her husband's crown, but one who brings shame is like decay in his bones. Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛw, nanso ɔyere nimguasefo te sɛ porɔwee wɔ ne kunu nnompe mu.
5 The plans of the righteous are just, but the advice of the wicked is deceitful. Atreneefo nhyehyɛe yɛ pɛ, na amumɔyɛfo afotu yɛ nnaadaa.
6 The words of the wicked lie in wait for blood, but the speech of the upright rescues the innocent. Amumɔyɛfo nsɛm da hɔ twɛn mogya, na ɔtreneeni kasa yi wɔn fi mu.
7 The wicked are overthrown and are no more, but the house of the righteous will stand. Wotu amumɔyɛfo gu na wɔyera, nanso atreneefo fi gyina pintinn.
8 A person is praised according to their good sense, but one with a warped mind is despised. Wɔkamfo onipa sɛnea ne nyansa te na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye de, wobu wɔn animtiaa.
9 Better to be lowly and have a servant than to pretend to greatness and go hungry. Eye sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta nanso wowɔ ɔsomfo, sen sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wunni aduan.
10 The righteous care for the needs of their animals, but even the mercy of the wicked is cruel. Ɔtreneeni ma ne nyɛmmoa nea wɔpɛ, na amumɔyɛfo nneyɛe a eye pa ara yɛ atirimɔden.
11 Whoever works their land will have plenty of food, but whoever chases worthless pursuits lacks sense. Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan bebree, na nea odi nsɛm huhuw akyi no nni adwene.
12 The wicked crave the plunder of evil men, but the root of the righteous yields fruit. Amumɔyɛfo pɛ abɔnefo asade, nanso ɔtreneeni ase dɔ.
13 An evil man is trapped by his sinful talk, but the righteous escapes from trouble. Ɔbɔnefo anosɛm yi no sɛ afiri, nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew wɔ ahohia mu.
14 From the fruit of their words a person is filled with good things, and the work of their hands comes back to reward them. Nneɛma pa fi onipa anom aba mu hyɛ no ma sɛnea ne nsa ano adwuma ma no akatua no.
15 The way of a fool seems right in his own eyes, but the wise listen to advice. Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so, na onyansafo tie afotu.
16 A fool shows his anger at once, but the prudent overlook an insult. Nkwaseafo bo nkyɛ fuw, nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so.
17 Whoever speaks the truth gives honest testimony, but a false witness tells lies. Ɔdanseni nokwafo di adanse turodoo, na nea odi adansekurum no twa nkontompo.
18 Reckless words pierce like a sword, but the tongue of the wise brings healing. Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ afoa nanso onyansafo tɛkrɛma ma abodwo.
19 Truthful lips endure forever, but a lying tongue lasts only a moment. Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa.
20 Deceit fills the hearts of those who plot evil, but joy belongs to those who promote peace. Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu, na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw.
21 No harm overtakes the righteous, but the wicked are full of trouble. Ɔhaw biara rento ɔtreneeni, nanso amanehunu mee amumɔyɛfo.
22 Lying lips are detestable to our Father, but those who act faithfully are his delight. Awurade kyi ano a etwa atoro, na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho.
23 The prudent keep their knowledge to themselves, but the heart of fools blurts out foolishness. Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi.
24 Diligent hands will rule, but laziness ends in forced labor. Nsa a ɛyɛ adwuma no bedi tumi, nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.
25 Anxiety weighs down the heart, but a kind word cheers it up. Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.
26 The righteous guide their neighbor, but the way of the wicked leads them astray. Ɔtreneeni wɔ ntoboase wɔ ayɔnkofa mu, nanso amumɔyɛfo kwan ma wɔfom.
27 The lazy do not roast their game, but the diligent prize their possessions. Onihawfo ntoto ne hanam, nanso nsiyɛfo ahonyade som bo ma wɔn.
28 In the path of righteousness there is life, and along that way there is no death. Trenee kwan mu wɔ nkwa; na owu nni saa kwan no so.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]