Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 13 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 A wise son heeds his father's instruction, but a scoffer does not listen to rebuke. Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ; na ɔfɛwdifo ntie animka.
2 From the fruit of his mouth a person enjoys good things, but the appetite of the treacherous is for violence. Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye, na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ.
3 Whoever guards his mouth protects his life, but one who opens his lips wide comes to ruin. Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so, nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.
4 The lazy person craves and gets nothing, but the appetite of the diligent is richly satisfied. Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee, na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.
5 The righteous hates falsehood, but the wicked brings shame and disgrace. Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware, nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba.
6 Righteousness guards the one whose way is blameless, but wickedness overthrows the sinner. Trenee bɔ ɔnokwafo ho ban, na amumɔyɛsɛm tu ɔbɔnefo gu.
7 One person pretends to be rich, yet has nothing; another pretends to be poor, yet has great wealth. Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee, ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree.
8 A person's wealth may ransom his life, but the poor hears no threat. Obi ahonya betumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.
9 The light of the righteous shines joyfully, but the lamp of the wicked will be snuffed out. Atreneefo kanea hyerɛn pa ara, nanso wodum amumɔyɛfo kanea.
10 Arrogance breeds nothing but strife, but wisdom is with those who seek advice. Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba, na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu.
11 Wealth gained by fraud dwindles away, but whoever gathers little by little makes it grow. Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so, na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.
12 Hope deferred makes the heart sick, but desire fulfilled is a tree of life. Anidaso a wotu hyɛ da no bɔ koma ɔyare, nanso anigyinade a nsa aka no yɛ nkwadua.
13 Whoever despises the word brings ruin on himself, but the one who reveres the commandment will be rewarded. Nea otwiri akwankyerɛ no betua so ka, nanso wɔma nea ɔde obu ma mmara no akatua.
14 The teaching of the wise is a fountain of life, turning a person away from the snares of death. Onyansafo nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asuti, eyi onipa fi owu afiri mu.
15 Good sense wins favor, but the way of the treacherous is their undoing. Nhumu pa de adom ba, nanso atorofo akwan so yɛ den.
16 Every prudent person acts with knowledge, but a fool flaunts his foolishness. Ɔbadwemma biara yɛ nʼade wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.
17 A wicked messenger falls into trouble, but a faithful envoy brings healing. Ɔsomafo mumɔyɛfo tɔ amane mu, nanso ɔnanmusini nokwafo de abodwo ba.
18 Poverty and shame come to whoever ignores discipline, but the one who heeds correction is honored. Nea ɔpo nteɛso no kɔ ohia ne animguase mu, na wɔhyɛ nea otie nteɛso no anuonyam.
19 A desire fulfilled is sweet to the soul, but turning away from evil is detestable to fools. Akɔnnɔde a nsa aka ma ɔkra ani gye, nanso nkwaseafo kyi sɛ wɔtwe wɔn ho fi bɔne ho.
20 Whoever walks with the wise grows wise, but the companion of fools suffers harm. Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane.
21 Disaster pursues sinners, but good rewards the righteous. Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi, na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua.
22 A good person leaves an inheritance to his grandchildren, but the sinner's wealth is stored up for the righteous. Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom, na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni.
23 The unplowed field of the poor could yield abundant food, but it is swept away for lack of justice. Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii, nanso ntɛnkyew pra kɔ.
24 Whoever withholds the rod hates his son, but the one who loves him is diligent to discipline him. Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba, na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no.
25 The righteous eats to his heart's content, but the belly of the wicked goes hungry. Atreneefo didi ma wɔn koma mee, nanso ɔkɔm de amumɔyɛfo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]