Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 14 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The wisest of women builds her house, but foolishness tears hers down with her own hands. Ɔbea nyansafo si ne dan, nanso ɔbea kwasea de nʼankasa ne nsa dwiriw ne de gu fam.
2 Whoever walks in uprightness fears our Father, but one whose ways are crooked despises him. Nea ne nantew teɛ no suro Awurade, na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa.
3 A fool's mouth is a rod for his own pride, but the lips of the wise protect them. Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban.
4 Where there are no oxen, the manger stays clean, but an abundant harvest comes through the strength of an ox. Faako a anantwi nni no, adididaka no mu da mpan, na nantwi ahoɔden mu na nnɔbae pii fi ba.
5 A faithful witness does not lie, but a false witness breathes out lies. Ɔdanseni nokwafo rennaadaa, ɔdansekurumni hwie atoro gu hɔ.
6 The scoffer seeks wisdom and finds none, but knowledge comes easily to the discerning. Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa nanso onya, nanso wɔn a wɔwɔ nhumu nya nimdeɛ ntɛm.
7 Stay away from a fool, for you will find no knowledge on his lips. Twe wo ho fi ɔkwasea ho, efisɛ, worennya nimdeɛ mfi nʼano.
8 The wisdom of the prudent is to discern their way, but the foolishness of fools is deceit. Anitewfo nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafo agyimisɛm yɛ nnaadaa.
9 Fools mock the guilt offering, but among the upright there is favor. Nkwaseafo de bɔne ho adwensakra di fɛw, na wɔn a wɔteɛ mu na anisɔ wɔ.
10 The heart knows its own bitterness, and no stranger shares in its joy. Koma biara nim ɔyaw wɔ ne mu, na obi foforo rentumi ne no nkyɛ nʼanigye.
11 The house of the wicked will be destroyed, but the tent of the upright will flourish. Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo fi, nanso teefo ntamadan bɛyɛ frɔmfrɔm.
12 There is a way that seems right to a person, but its end is the way of death. Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so, nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.
13 Even in laughter the heart may ache, and the end of joy may be grief. Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw, na anigye tumi wie awerɛhow.
14 The backslider in heart will be filled with the fruit of his ways, and a good person with the fruit of his. Akyirisanfo benya akatua sɛnea wɔn akwan te, na onipa pa nso benya ne de.
15 The simple believe anything, but the prudent give thought to their steps. Atetekwaa gye biribiara di, nanso onitefo dwene nʼanammɔntu ho.
16 The wise fear and turn away from evil, but a fool is reckless and overconfident. Onyansafo suro Awurade na oguan bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowui ne basabasa.
17 A quick-tempered person acts foolishly, and one who plots evil schemes is hated. Onipa a ne bo nkyɛ fuw no yɛ nkwaseade, na wɔtɔn nea ɔpam apam bɔne no.
18 The simple inherit foolishness, but the prudent are crowned with knowledge. Ntetekwaafo agyapade ne gyimi, na wɔde nimdeɛ bɔ anitewfo abotiri.
19 The evil bow down before the good, and the wicked at the gates of the righteous. Nnipa bɔnefo bɛkotow nnipa pa anim, na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano.
20 The poor are shunned even by their neighbors, but the rich have many friends. Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefo wɔ nnamfonom bebree.
21 Whoever despises his neighbor sins, but blessed is the one who is kind to the poor. Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira nka nea ne yam ye ma ohiani.
22 Do not those who plot evil go astray? But covenant love and faithfulness belong to those who plan good. So wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne nyera kwan ana? Nanso wɔn a wɔhyehyɛ nea eye no nya adɔe ne nokware.
23 In all hard work there is profit, but mere talk leads only to poverty. Adwumadenyɛ nyinaa de mfaso ba, na kasahunu de, ɛkɔ ohia mu.
24 The crown of the wise is their wealth, but the foolishness of fools yields only foolishness. Anyansafo ahonya ne wɔn abotiri, na nkwaseafo agyimisɛm sow gyimi aba.
25 A truthful witness saves lives, but one who breathes out lies is treacherous. Ɔdanseni nokwafo gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafo.
26 In the fear of our Father is strong confidence, and his children will have a refuge. Nea osuro Awurade no wɔ bammɔ a mu yɛ den, na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.
27 The fear of our Father is a fountain of life, turning a person away from the snares of death. Awurade suro yɛ nkwa asuti, eyi onipa fi owu afiri mu.
28 A large population is a king's glory, but without people a prince is ruined. Ɔman mu nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam, nanso sɛ asomfo nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.
29 Whoever is slow to anger has great understanding, but a hot temper exalts foolishness. Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre wɔ ntease a mu dɔ, na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
30 A tranquil heart gives life to the body, but envy rots the bones. Koma mu asomdwoe ma nipadua nkwa, na anibere ma nnompe porɔw.
31 Whoever oppresses the poor reproaches our Father, their Maker, but whoever is kind to the needy honors him. Nea ɔhyɛ ahiafo so no bu wɔn Yɛfo animtiaa, nanso nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn anuonyam.
32 The wicked are brought down by their own evil, but the righteous find refuge even in death. Sɛ amanehunu ba a amumɔyɛfo hwe ase, nanso owu mu mpo atreneefo wɔ guankɔbea.
33 Wisdom rests in the heart of the discerning, but even among fools it makes itself known. Nyansa te ntease koma mu, na nkwaseafo mu mpo, oyi ne ho adi.
34 Righteousness exalts a nation, but sin is a disgrace to any people. Trenee pagyaw ɔman, na bɔne yɛ animguase ma nnipa nyinaa.
35 A king's favor rests on a wise servant, but his wrath falls on one who acts shamefully. Ɔhene ani sɔ ɔsomfo nyansani, na ɔsomfo nimguasefo hyɛ no abufuw.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]