Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 15 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 A gentle answer turns away wrath, but a harsh word stirs up anger. Mmuae pa sianka abufuwhyew, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyan abufuw mu.
2 The tongue of the wise commends knowledge, but the mouths of fools pour out foolishness. Onyansafo tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ, nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.
3 The eyes of our Father are in every place, keeping watch on the evil and the good. Awurade ani hu baabiara, na ɛhwɛ amumɔyɛfo ne apapafo.
4 A gentle tongue is a tree of life, but a corrupt tongue crushes the spirit. Tɛkrɛma a ɛde abodwo ba yɛ nkwadua, nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛw honhom.
5 A fool despises his father's instruction, but whoever heeds correction is prudent. Ɔkwasea mfa nʼagya nteɛso nyɛ hwee, na nea otie nteɛso no kyerɛ sɛ ɔyɛ onitefo.
6 In the house of the righteous there is much treasure, but the income of the wicked brings trouble. Ahonya bebree wɔ ɔtreneeni fi, nanso amumɔyɛfo adenya de ɔhaw brɛ wɔn.
7 The lips of the wise spread knowledge, but not so the hearts of fools. Anyansafo ano trɛtrɛw nimdeɛ mu, nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafo koma te.
8 The sacrifice of the wicked is detestable to our Father, but the prayer of the upright is his delight. Awurade kyi amumɔyɛfo afɔrebɔ, nanso teefo mpaebɔ sɔ nʼani.
9 The way of the wicked is detestable to our Father, but he loves the one who pursues righteousness. Awurade kyi amumɔyɛfo akwan, nanso ɔdɔ wɔn a wotiw trenee.
10 There is severe discipline for the one who leaves the path, and whoever hates correction will die. Asotwe dennen wɔ hɔ ma nea ɔman fi ɔkwan no so, nea ɔtan nteɛso no bewu.
11 The grave and Destruction lie open before our Father; how much more the hearts of all people! Owu ne Ɔsɛe da Awurade anim, na nnipa koma mu de, onim ma ɛboro so.
12 A scoffer does not love to be corrected; he will not go to the wise. Ɔfɛwdifo mpɛ nteɛso; onkobisa anyansafo hwee.
13 A glad heart makes a cheerful face, but a sorrowful heart crushes the spirit. Anigye koma ma anim yɛ sereserew, na koma a abotow dwerɛw honhom.
14 A discerning heart seeks knowledge, but the mouths of fools feed on foolishness. Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.
15 All the days of the afflicted are hard, but a cheerful heart has a continual feast. Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ, nanso anigye koma wɔ daa ahosɛpɛw mu.
16 Better a little with the fear of our Father than great treasure and trouble with it. Ketewa bi a yenya a Awurade suro ka ho no ye sen ahonyade bebree a ɔhaw bata ho.
17 Better a meal of vegetables where there is love than a fattened ox with hatred. Nhabamma aduan a ɔdɔ wɔ mu no ye sen nantwi sradenam a ɔtan bata ho.
18 A hot-tempered man stirs up strife, but one who is slow to anger calms a quarrel. Nea ne bo fuw ntɛm no de mpaapaemu ba, nanso nea ɔwɔ ntoboase pata ntɔkwaw.
19 The way of the lazy is like a hedge of thorns, but the path of the upright is a level highway. Nsɔe ama onihawfo kwan asiw, nanso teefo kwan yɛ ɔtempɔn.
20 A wise son makes a glad father, but a foolish man despises his mother. Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, nanso ɔba kwasea bu ne na animtiaa.
21 Foolishness is joy to one who lacks sense, but a person of understanding walks a straight path. Agyimisɛm ma nea onni adwene ani gye, nanso nea ɔwɔ ntease no fa ɔkwan a ɛteɛ so.
22 Plans fail without counsel, but with many advisers they succeed. Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe, nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye.
23 A person finds joy in giving an apt reply, and how good is a word at the right time! Onipa a ɔma mmuae a ɛfata no ani gye, asɛm a ɛba bere pa mu no nso ye.
24 The path of life leads upward for the prudent, turning him away from the grave below. Onyansafo asetena mu kwan ma no nkɔso, esiw ne da mukɔ ho kwan.
25 Our Father tears down the house of the proud, but he protects the widow's boundary. Awurade sɛe ɔhantanni fi, na ɔma akunafo ahye yɛ pɛpɛɛpɛ.
26 The thoughts of the wicked are detestable to our Father, but gracious words are pure. Awurade kyi amumɔyɛfo nsusuwii, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronkron no de.
27 Whoever is greedy for unjust gain brings trouble on his own household, but the one who hates bribes will live. Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa.
28 The heart of the righteous weighs how to answer, but the mouth of the wicked pours out evil. Ɔtreneeni koma kari ne mmuae, nanso omumɔyɛfo ano woro bɔne.
29 Our Father is far from the wicked, but he hears the prayer of the righteous. Awurade mmɛn amumɔyɛfo koraa, nanso ɔte ɔtreneeni mpaebɔ.
30 The light of the eyes brings joy to the heart, and good news refreshes the bones. Anim a ɛtew ma koma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.
31 The ear that listens to life-giving correction will dwell among the wise. Nea otie animka a ɛma nkwa no ne anyansafo bɛbɔ mu atena ase.
32 Whoever ignores instruction despises himself, but whoever listens to correction gains understanding. Nea ɔmfa ahohyɛso no bu ne ho animtiaa, na nea otie nteɛso no nya nhumu.
33 The fear of our Father is the instruction of wisdom, and humility comes before honor. Awurade suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛase di anuonyam anim.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]