Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 16 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The plans of the heart belong to man, but the answer of the tongue comes from our Father. Koma mu nhyehyɛe yɛ onipa de, na tɛkrɛma mmuae fi Awurade.
2 All a man's ways are pure in his own eyes, but our Father weighs the motives. Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronkron, nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.
3 Commit your works to our Father, and your plans will be established. Fa nea woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam, na wo nhyehyɛe besi yiye.
4 Our Father has made everything for its purpose, even the wicked for the day of trouble. Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botae, mpo, ɔhwɛ omumɔyɛfo so kosi amanehunu da.
5 Everyone proud of heart is detestable to our Father; be assured, he will not go unpunished. Awurade kyi koma mu ahantanfo nyinaa. Nya saa ntease yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.
6 Loving devotion and faithfulness atone for sin, and the fear of our Father turns a person away from evil. Wɔnam ɔdɔ ne nokware so pata bɔne; onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.
7 When a man's ways please our Father, our Father makes even the man's enemies live at peace with him. Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a, ɔma nʼatamfo mpo ne no tena asomdwoe mu.
8 Better a little with righteousness than great income with injustice. Kakraa bi a wɔnam trenee kwan so nya no ye sen mfaso pii a wɔnam ntɛnkyew so nya.
9 The heart of man plans his way, but our Father establishes his steps. Onipa yɛ ne nhyehyɛe wɔ ne koma mu, nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntu.
10 A divine verdict is on the lips of a king; his mouth does not betray justice. Ɔhene anom kasa te sɛ nkɔmhyɛ, enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka nea ɛnyɛ atɛntrenee.
11 Honest scales and balances belong to our Father; every weight and measure is his work. Nsania ne abrammo a asisi nni mu fi Awurade; nkaribo a ɛwɔ kotoku mu no, ɔno na ɔyɛe.
12 It is detestable for kings to do wickedness, for a throne is established through righteousness. Ahemfo kyi bɔneyɛ, efisɛ ahengua si trenee so.
13 Righteous lips are the delight of kings, and they love the one who speaks what is right. Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokware; na wobu onipa a ɔka nokware.
14 A king's wrath is a messenger of death, but a wise man will appease it. Ɔhene abufuwhyew yɛ owu somafo, nanso onyansafo bedwudwo ano.
15 In the light of a king's face is life, and his favor is like a cloud bringing the spring rain. Sɛ ɔhene anim tew a, ɛyɛ nkwa, nʼadom te sɛ asusowbere mu omununkum.
16 How much better to get wisdom than gold! Getting understanding is worth more than silver. Eye sɛ wubenya nyansa sen sɛ wubenya sikakɔkɔɔ, sɛ wubenya nhumu sen sɛ wubenya dwetɛ!
17 The highway of the upright turns away from evil; whoever guards his way protects his life. Ɔtreneeni tempɔn kwati bɔne; nea ɔhwɛ nʼakwan yiye no bɔ ne nkwa ho ban.
18 Pride goes before destruction, and a haughty spirit before a fall. Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom nso di asehwe anim.
19 Better to be lowly in spirit among the poor than to share the plunder with the proud. Eye sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu sen sɛ wo ne ahantanfo bɛkyɛ asade.
20 Whoever heeds the word will find good, and blessed is the one who trusts in our Father. Nea ɔyɛ osetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔso; nhyira nka nea ɔde ne ho to Awurade so.
21 The wise of heart is called discerning, and pleasant speech increases persuasiveness. Wɔfrɛ koma mu anyansafo se nhumufo, na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
22 Understanding is a fountain of life to the one who has it, but fools are corrected by their own foolishness. Ntease yɛ nkwa asuti ma wɔn a wɔwɔ bi, nanso agyimisɛm de asotwe brɛ nkwaseafo.
23 The heart of the wise makes his speech wise and adds persuasiveness to his lips. Onyansafo koma kyerɛ nʼano kwan, na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
24 Pleasant words are a honeycomb, sweet to the soul and healing to the bones. Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm; ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yare.
25 There is a way that seems right to a man, but its end is the way of death. Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so, nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.
26 A worker's appetite works for him; his hunger drives him on. Apaafo akɔnnɔ ma wɔyɛ adwumaden; efisɛ wɔpɛ sɛ wokum wɔn kɔm.
27 A worthless man digs up evil, and on his lips is a scorching fire. Ohuhuni bɔ pɔw bɔne, ne kasa te sɛ ogya a ɛhyew ade.
28 A perverse man spreads strife, and a gossip separates close friends. Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba, na ɔsututufo tetew nnamfonom ntam.
29 A violent man entices his neighbor and leads him down a harmful path. Kitikitiyɛni daadaa ne yɔnko, na ɔde no fa ɔkwammɔne so.
30 Whoever winks his eyes plots perversity; whoever purses his lips is bent on evil. Nea obu nʼani no redwene bɔneyɛ ho; na nea omua nʼano no ani wɔ bɔne so.
31 Gray hair is a crown of glory; it is gained in the way of righteousness. Dwen yɛ anuonyam abotiri; trenee mu asetena na ɛde ba.
32 Better a patient person than a mighty one, and one who rules his spirit than one who takes a city. Nea ɔwɔ abodwokyɛre no ye sen ɔkofo, na nea ɔmfa abufuw ye sen nea ɔko fa kuropɔn.
33 The lot is cast into the lap, but its every decision is from our Father. Wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nea Awurade pɛ, nanso ne gyinaesi biara fi Awurade.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]