Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 17 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Better a dry crust eaten in peace than a house full of feasting with strife. Aduan sakoo a asomdwoe wɔ ho ye sen ofi a aponto ahyɛ no ma nanso basabasayɛ wɔ mu.
2 A prudent servant will rule over a disgraceful son and will share the inheritance among the brothers. Ɔsomfo nyansafo bedi ɔba nimguasefo so, na obenya ne kyɛfa wɔ agyapade no mu sɛ anuanom no mu baako.
3 The crucible is for silver and the furnace for gold, but our Father tests hearts. Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ nanso Awurade na ɔsɔ koma hwɛ.
4 An evildoer listens to wicked lips; a liar listens to a destructive tongue. Omumɔyɛfo tie nsusuwii bɔne; ɔtorofo yɛ aso ma adwene bɔne tɛkrɛma.
5 Whoever mocks the poor insults his Maker; whoever gloats over disaster will not go unpunished. Nea odi ahiafo ho fɛw no bu wɔn Yɛfo animtiaa; na nea ɔfoa amanehunu so no benya asotwe.
6 Grandchildren are the crown of the aged, and the glory of children is their parents. Nananom yɛ mmasiriwa anuonyam, na awofo yɛ wɔn mma ahohoahoa.
7 Fine speech is not fitting for a fool—still less are lying lips for a noble. Anotew nye mma ɔkwasea, saa ara na ano a edi atoro mfata ɔhene.
8 A bribe seems like a magic charm to the one who gives it; wherever he turns, he thinks he will succeed. Nea ɔma adanmude no hu sɛ ɛyɛ suman; osusuw sɛ nkonimdi bɛba bere biara.
9 Whoever covers an offense seeks love, but whoever keeps bringing it up separates close friends. Nea obu nʼani gu mfomso so no ma ɔdɔ kwan, na nea ɔkɔ so bɔ so no tetew nnamfonom ntam.
10 A rebuke goes deeper into a person of understanding than one hundred blows into a fool. Animka sɔ onipa a ɔwɔ nhumu ani sen mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.
11 A rebellious man seeks only evil, and a cruel messenger will be sent against him. Onipa bɔnefo ani wɔ atuatew nko ara so na wɔbɛsoma odwumayɛni tirimuɔdenfo akɔ no so.
12 Better to meet a bear robbed of her cubs than a fool in his foolishness. Eye sɛ wubehyia sisi a wɔawia ne mma sen ɔkwasea a ɔregyimi.
13 If anyone returns evil for good, evil will never leave his house. Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, bɔne rempa ne fi da.
14 Starting a quarrel is like breaching a dam, so drop the dispute before it bursts out. Ntɔkwaw mfiase te sɛ nea wɔretue suka; enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.
15 Whoever justifies the wicked and whoever condemns the righteous—both alike are detestable to our Father. Sɛ wobegyaa nea odi fɔ ne sɛ wobebu nea odi bem kumfɔ no, Awurade kyi nʼabien no nyinaa.
16 Why should a fool have money in hand to buy wisdom, when he has no heart to learn? Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam so nni mfaso, efisɛ onni botae biara sɛ obehu nyansa.
17 A friend loves at all times, and a brother is born for a time of trouble. Adamfo kyerɛ ɔdɔ bere nyinaa mu, wɔwo onuabarima ma ahokyere bere.
18 One who lacks sense shakes hands on a pledge and puts up security for his neighbor. Obi a onni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu nam so de si awowa ma ne yɔnko.
19 Whoever loves wrongdoing loves strife; whoever builds his gate high invites destruction. Nea ɔpɛ ntɔkwaw no dɔ bɔne; nea osi ɔpon tenten no frɛfrɛ ɔsɛe.
20 A crooked heart finds no good, and a twisted tongue falls into trouble. Onipa a ɔwɔ porɔwee koma no nnya nkɔso; nea ɔwɔ nnaadaa tɛkrɛma no tɔ amane mu.
21 Whoever fathers a fool brings grief on himself; the father of a godless fool has no joy. Nea ɔwo ɔbakwasea no di awerɛhow, ɔbakwasea agya nni anigye.
22 A joyful heart is good medicine, but a crushed spirit dries up the bones. Koma mu anigye yɛ aduru, ɛsa ɔyare, nanso honhom a abotow no yoyow nnompe.
23 A wicked man takes a bribe in secret to pervert the ways of justice. Omumɔyɛfo gye adanmude wɔ sum ase de kyea atɛntrenee.
24 A discerning person keeps wisdom in view, but the eyes of a fool wander to the ends of the earth. Onipa a ɔwɔ nhumu no ani kɔ nyansa so, na ɔkwasea toto nʼani kosi asase ano.
25 A foolish son is a grief to his father and bitterness to the mother who bore him. Ɔbakwasea hyɛ nʼagya awerɛhow, na ɔma nea onyinsɛn no no di yaw.
26 To punish the righteous is not good, nor to flog the noble for their integrity. Enye sɛ wɔtwe nea odi bem aso, anaasɛ wotwa adwumayɛfo mmaa wɔ wɔn nokwaredi nti.
27 Whoever holds back his words has knowledge, and one with a calm spirit is a person of understanding. Onimdefo dwene nʼanom kasa ho, na nea ɔwɔ nhumu no wɔ abodwo.
28 Even a fool who keeps silent is thought wise; when he closes his lips, he seems discerning. Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wobu no sɛ onyansafo, na sɛ omua nʼano a wobu no sɛ ɔwɔ nhumu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]