Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 18 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Whoever isolates himself pursues his own desire; he lashes out against all sound wisdom. Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya; na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.
2 A fool takes no pleasure in understanding, but only in airing his own opinions. Ɔkwasea nni nhumu ho anigye, na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.
3 When wickedness comes, contempt comes too, and with dishonor comes reproach. Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so, na aniwu nso di animguase akyi.
4 The words of a person's mouth are deep waters; the fountain of wisdom is a flowing stream. Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ, na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru.
5 It is not good to show partiality to the wicked, denying justice to the righteous. Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfo anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.
6 A fool's lips bring strife, and his mouth invites a beating. Nkwaseafo ano de akasakasa ba, na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.
7 A fool's mouth is his ruin, and his lips are a snare to his soul. Nkwaseafo ano yɛ wɔn ara wɔn sɛe, na wɔn anofafa yɛ wɔn ara wɔn kra afiri.
8 The words of a gossip are like choice morsels; they go down into the inmost being. Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
9 Whoever is slack in his work is brother to one who destroys. Nea ɔtoto nʼadwuma ase no yɛ ɔsɛefo nuabarima.
10 The name of our Father is a strong tower; the righteous runs into it and is safe. Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den; ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ.
11 A rich man's wealth is his fortified city; in his imagination it is like a high wall. Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo.
12 Before destruction the human heart is proud, but humility comes before honor. Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma, na ahobrɛase di anuonyam anim.
13 If one answers before he listens, it is his foolishness and his shame. Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no, ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase.
14 A person's spirit can sustain him through sickness, but a crushed spirit—who can bear it? Onipa honhom na ɛhyɛ no den wɔ ɔyare mu na honhom a abotow de, hena na ɔpɛ?
15 The discerning heart acquires knowledge, and the ear of the wise seeks it out. Nhumu koma nya nimdeɛ; na anyansafo aso nso hwehwɛ.
16 A person's gift opens the way for him and brings him before important people. Akyɛde bue kwan ma nea ɔde ma na ɛde no ba atitiriw anim.
17 The first to state his case seems right, until another comes and examines him. Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ, kosi sɛ ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu.
18 Casting the lot settles disputes and separates strong opponents. Ntontobɔ twa akyinnyegye so, na ɛpata atamfo.
19 An offended brother is harder to win than a fortified city, and disputes are like the bars of a fortress. Onua a wɔafom no no asɛm yɛ den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, akyinnyegye te sɛ abankɛse apon a wɔabram akyi.
20 From the fruit of a person's mouth his stomach is satisfied; with the yield of his lips he is filled. Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee, nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no.
21 Death and life are in the power of the tongue, and those who love it will eat its fruit. Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.
22 He who finds a wife finds what is good and receives favor from our Father. Nea wanya yere no anya ade pa na onya adom fi Awurade hɔ.
23 The poor person pleads for mercy, but the rich answers harshly. Ohiani srɛ ahummɔbɔ, nanso ɔdefo de kasaden bua no.
24 A man of many companions may come to ruin, but there is a friend who sticks closer than a brother. Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]