Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 19 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Better is a poor person who walks in his integrity than one whose words are crooked and is a fool. Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu.
2 Also, desire without knowledge is not good, and whoever acts in haste misses the way. Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nye, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera kwan nso nye.
3 A person's own foolishness ruins his way, yet his heart rages against our Father. Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso ne koma huru tia Awurade.
4 Wealth adds many friends, but the poor is separated from his friend. Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ.
5 A false witness will not go unpunished, and one who breathes out lies will not escape. Adansekurumni benya nʼakatua, na nea otwa nkontompo remfa ne ho nni.
6 Many seek the favor of a generous person, and everyone is a friend to one who gives gifts. Nnipa pii pɛ adom fi sodifo nkyɛn, na nea ɔkyɛ ade yɛ obiara adamfo.
7 All the brothers of a poor person hate him; how much more do his friends keep far from him! He calls after them, but they are gone. Ohiani abusuafo nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn, pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso onhu wɔn baabiara.
8 Whoever gets wisdom loves his own soul; whoever guards understanding will find good. Nea onya nyansa no dɔ ne kra; nea ɔpɛ nhumu no nya nkɔso.
9 A false witness will not go unpunished, and one who breathes out lies will perish. Adansekurumni benya asotwe, na nea otwa nkontompo no bɛyera.
10 Luxury is not fitting for a fool—much less for a servant to rule over princes. Ɛmfata sɛ ɔkwasea bedi taamu, anaasɛ akoa bedi mmapɔmma so!
11 The good sense of a person makes him slow to anger, and it is his glory to overlook an offense. Onipa nyansa ma no ntoboase; ɛyɛ anuonyam ma obi sɛ obebu nʼani gu mfomso bi so.
12 A king's wrath is like the roaring of a lion, but his favor is like dew on the grass. Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmubomu, na nʼadom te sɛ sare so bosu.
13 A foolish son is ruin to his father, and a wife's quarreling is a continual dripping. Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛe, ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ɔdan a ne nwini to ntwa da.
14 House and wealth are an inheritance from one's ancestors, but a prudent wife is from our Father. Afi ne ahonyade yɛ agyapade a efi awofo, na ɔyere nimdefo fi Awurade.
15 Laziness casts into deep sleep, and an idle person will go hungry. Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, na ɔkɔm de ɔkwadwofo.
16 Whoever keeps the commandment keeps his life; whoever despises his ways will die. Nea odi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, na nea ogyaagyaa ne ho no bewu.
17 Whoever is generous to the poor lends to our Father, and our Father will repay him for his deed. Nea ɔyɛ adɔe ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na obetua no nea ɔyɛ no so ka.
18 Discipline your son while there is hope, and do not set your heart on his destruction. Teɛ wo ba, na ɛno mu na anidaso wɔ, na nyɛ wɔn a wɔde no kɔ owu mu no mu baako.
19 A person of great wrath must pay the penalty; for if you rescue him, you will only have to do it again. Ɛsɛ sɛ onipa a ne koma haw no no nya so asotwe; sɛ woka ma no a, wobɛyɛ bio.
20 Listen to counsel and accept discipline, that you may gain wisdom in the days to come. Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awiei no, wubehu nyansa.
21 Many are the plans in a person's heart, but it is the counsel of our Father that will stand. Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu, nanso nea Awurade pɛ no na ɛba mu.
22 What is desired in a person is covenant love, and a poor person is better than a liar. Nea onipa pɛ ne nokware dɔ; eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo.
23 The fear of our Father leads to life, and whoever has it rests satisfied, untouched by harm. Awurade suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.
24 The sluggard buries his hand in the dish and will not even bring it back to his mouth. Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu, na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.
25 Strike a mocker, and the simple will learn prudence; reprove a person of understanding, and he will gain knowledge. Twa ɔfɛwdifo mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; ka nea ɔwɔ nhumu anim, na obenya nimdeɛ.
26 Whoever does violence to his father and drives away his mother is a son who brings shame and disgrace. Nea ɔbɔ nʼagya korɔn na ɔpam ne na no yɛ ɔba a ɔde aniwu ne animguase ba.
27 Stop listening to instruction, my son, and you will stray from the words of knowledge. Me ba, sɛ wugyae nkyerɛkyerɛ tie a, wobɛman afi nimdeɛ nsɛm ho.
28 A worthless witness mocks at justice, and the mouth of the wicked gulps down wickedness. Adansekurumni di atɛntrenee ho fɛw; na omumɔyɛfo ano mene bɔne.
29 Punishment is prepared for mockers, and beatings for the backs of fools. Wɔasiesie asotwe ama fɛwdifo, ne mmaabɔ ama nkwaseafo akyi.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]