Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 20 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Wine is a mocker, strong drink a brawler, and whoever staggers under it is not wise. Nsa yɛ ɔfɛwdifo na nsaden yɛ ɔtɔkwapɛfo; na obiara a nsa bɛma wafom kwan no nyɛ onyansafo.
2 The terror of a king is like the growl of a lion; whoever provokes him to anger forfeits his own life. Ɔhene abufuwhyew te sɛ gyata mmubomu; na nea ɔhyɛ no abufuw no de nkwa twa so.
3 It is an honor for a person to keep clear of strife, but every fool is quick to quarrel. Ɛyɛ onipa anuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa, nanso ogyimifo biara pɛ ntɔkwaw.
4 A lazy person will not plow in autumn; so at harvest he looks for a crop and finds nothing. Onihawfo mfuntum nʼasase wɔ ne bere mu; enti edu twabere a onya hwee.
5 The purposes of a person's heart are deep waters, but one who has understanding draws them out. Onipa koma botae yɛ asubun, nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue.
6 Many a person proclaims his own loyal love, but a faithful one—who can find? Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da, na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?
7 The righteous walk in their integrity; blessed are their children after them! Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron; nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi.
8 A king seated on the throne of judgment winnows out all evil with his eyes. Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a, ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.
9 Who can say, "I have kept my heart pure; I am cleansed from my sin"? Hena na obetumi aka se, “Mapra me koma mu; meyɛ kronkron na minni bɔne?”
10 Unequal weights and unequal measures—our Father detests them both. Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no, Awurade kyi nʼabien no nyinaa.
11 Even a child is known by his actions, by whether his conduct is pure and upright. Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn, saa ara na ne suban yɛ kronkron ne papa no.
12 The hearing ear and the seeing eye—our Father made them both. Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade, Awurade na wayɛ nʼabien no nyinaa.
13 Do not love sleep, or you will grow poor; open your eyes, and you will have plenty of bread. Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia; nna, na wubenya aduan ama abu so.
14 "Worthless, worthless!" says the buyer—then off he goes and boasts of his bargain. Adetɔni ka se, “Enye, enye!” nanso sɛ ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho.
15 There is gold and an abundance of jewels, but lips that speak knowledge are a rare treasure. Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhene pa nso abu so, na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ na.
16 Take the garment of one who puts up security for a stranger; hold it as a pledge when he does so for foreigners. Fa obi a odi ɔhɔho akagyinamu atade; sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.
17 Bread gained by deceit tastes sweet, but afterward the mouth is full of gravel. Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ, nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom.
18 Plans are established by counsel; so wage war only with wise guidance. Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe; sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.
19 A gossip betrays a confidence; so do not keep company with a babbler. Osekuni da kokoamsɛm adi; enti twe wo ho fi onipa a ɔkasa bebree ho.
20 Whoever curses his father or mother—his lamp will be snuffed out in deepest darkness. Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne na a, wobedum ne kanea wɔ sum kabii mu.
21 An inheritance gained too quickly at the start will not be blessed in the end. Agyapade a wɔpere ho nya no, renyɛ nhyira akyiri no.
22 Do not say, "I will pay back evil for evil." Wait for our Father, and he will deliver you. Nka se, “Metua wo saa bɔne yi so ka!” Twɛn Awurade, na obegye wo.
23 Our Father detests unequal weights, and dishonest scales are no good. Awurade kyi nkaribo a ɛnyɛ papa, na asisi nsania nso nsɔ nʼani.
24 A person's steps are directed by our Father; how then can anyone understand his own way? Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu. Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?
25 It is a trap to rashly dedicate something and only later reconsider the vow. Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a, osum ne ho afiri.
26 A wise king winnows out the wicked and drives the threshing wheel over them. Ɔhene nyansafo hu amumɔyɛfo; na ɔde awiyam afiri hankare fa wɔn so.
27 The human spirit is the lamp of our Father, searching every inmost part. Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu, ɛhwehwɛ ne mu baabiara.
28 Loyal love and faithfulness preserve a king; by loyal love his throne is upheld. Ɔdɔ ne nokwaredi bɔ ɔhene ho ban; nʼadɔe ma nʼahengua tim.
29 The glory of the young is their strength, but the splendor of the old is gray hair. Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden, tidwen nso ne mmasiriwa anuonyam.
30 Wounding blows scrub away evil, and beatings cleanse the inmost parts. Ɔhwe ne apirakuru hohoro amumɔyɛ, mmaatwa tew koma mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]