Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 21 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The king's heart is a stream of water in our Father's hand; he turns it wherever he pleases. Ɔhene koma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.
2 Every way of a person seems right in their own eyes, but our Father weighs the heart. Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari koma.
3 To do what is right and just is more pleasing to our Father than sacrifice. Sɛ woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a, ɛsɔ Awurade ani sen afɔrebɔ.
4 Haughty eyes and a proud heart—the lamp of the wicked—are sin. Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma, ne amumɔyɛfo asetena nyinaa yɛ bɔne!
5 The plans of the diligent lead surely to abundance, but all who are hasty end up in poverty. Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, sɛnea ntɛmpɛ kowie ohia no.
6 Making a fortune by a lying tongue is a fleeting vapor, a deadly trap. Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no, ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri.
7 The violence of the wicked will drag them away, because they refuse to do what is just. Amumɔyɛfo basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ, efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ.
8 The way of the guilty is crooked, but the conduct of the pure is upright. Onipa a odi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ.
9 Better to live in a corner of the roof than in a shared house with a quarrelsome wife. Suhyɛ twɔtwɔw ase baabi tena ye sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.
10 The soul of the wicked craves evil; their neighbor finds no mercy in their eyes. Omumɔyɛfo kɔn dɔ bɔne; onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko.
11 When a mocker is punished, the simple grow wise; when the wise are instructed, they gain knowledge. Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ.
12 Our Father, the Righteous One, observes the house of the wicked and brings the wicked to ruin. Ɔtreneeni no hu nea ɛrekɔ so wɔ omumɔyɛfo fi, na ɔde omumɔyɛfo no kɔ ɔsɛe mu.
13 Whoever shuts their ears to the cry of the poor will also cry out and not be answered. Sɛ onipa sisiw nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a, ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.
14 A gift given in secret soothes anger, and a bribe slipped into the cloak calms strong wrath. Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma, kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew.
15 When justice is done, it is a joy to the righteous but terror to those who do evil. Sɛ wubu atɛntrenee a, atreneefo ani gye, nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefo.
16 A person who strays from the way of understanding will rest in the assembly of the dead. Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no bɛhome wɔ awufo fekuw mu.
17 Whoever loves pleasure will become poor; whoever loves wine and oil will never grow rich. Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani; nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da.
18 The wicked become a ransom for the righteous, and the treacherous for the upright. Amumɔyɛfo de wɔn nkwa to hɔ ma atreneefo, na atorofo yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
19 Better to live in a desert land than with a quarrelsome and complaining wife. Eye sɛ wobɛtena sare so, sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena.
20 Precious treasure and oil are in the home of the wise, but a fool devours all he has. Nnuan pa ne ngo ayɛ onyansafo fi ma, nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa.
21 Whoever pursues righteousness and faithful love will find life, righteousness, and honor. Nea otiw trenee ne ɔdɔ no nya nkwa, yiyedi ne anuonyam.
22 A wise person scales the city of the mighty and brings down the stronghold they trust in. Onyansafo tow hyɛ ahoɔdenfo kuropɔn so, na odwiriw abandennen a wɔn werɛ hyɛ mu no gu fam.
23 Whoever guards their mouth and tongue keeps themselves out of trouble. Nea ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no twe ne ho fi amanenya ho.
24 "Mocker" is the name of the proud and arrogant who acts with outrageous insolence. Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛwdifo” ɔde ahantan ntraso yɛ ade.
25 The craving of a lazy person kills him, for his hands refuse to work. Nea ɔkwadwofo kɔn dɔ no bɛyɛ owu ama no, efisɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.
26 All day long the craving grows, but the righteous give and do not hold back. Da mu nyinaa ɔpere sɛ obenya bebree, nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho.
27 The sacrifice of the wicked is detestable—how much more when brought with evil intent. Omumɔyɛfo afɔrebɔ yɛ akyiwade, ne titiriw ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
28 A false witness will perish, but whoever listens will testify with lasting effect. Ɔdansekurumni bɛyera, na wɔbɛsɛe obiara a otie no no nso.
29 The wicked put on a bold face, but the upright give thought to their ways. Amumɔyɛfo di akakabensɛm, na ɔtreneeni de, osusuw nʼakwan ho.
30 There is no wisdom, no understanding, no counsel that can stand against our Father. Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi ayɛ yiye atia Awurade.
31 The horse is made ready for the day of battle, but victory belongs to our Father. Wosiesie apɔnkɔ ma ɔko da, nanso nkonimdi yɛ Awurade dea.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]