Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 22 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 A good name is to be chosen rather than great riches, and favor is better than silver or gold. Din pa ye sen ahonya bebrebe; sɛ wobedi wo ni ye sen dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.
2 The rich and the poor meet together; our Father is the Maker of them all. Ɔdefo ne ohiani wɔ ade baako, Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfo.
3 The prudent sees danger and takes cover, but the simple keep going and pay the price. Onitefo hu amanehunu a ɛreba na ohintaw ne ho, nanso atetekwaa kɔ nʼanim konya amane.
4 The reward for humility and the fear of our Father is riches and honor and life. Ahobrɛase ne Awuradesuro ɛma ahonya ne anuonyam ne nkwa.
5 Thorns and snares lie in the path of the crooked; whoever guards his soul stays far from them. Nsɔe ne mfiri wɔ amumɔyɛfo akwan so, nanso nea ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.
6 Train up a child in the way he should go, and even when he is old he will not depart from it. Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin a ɔremfi so.
7 The rich rules over the poor, and the borrower is slave to the lender. Adefo di ahiafo so, na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo.
8 Whoever sows injustice will reap calamity, and the rod of his fury will fail. Nea odua amumɔyɛsɛm no twa ɔhaw na wɔbɛsɛe nʼabufuwhyew abaa.
9 Whoever has a generous eye will be blessed, for he shares his bread with the poor. Ɔyamyefo benya nhyira efisɛ ɔne ahiafo kyɛ nʼaduan.
10 Drive out the scoffer, and strife goes with him; quarreling and abuse will cease. Pam ɔfɛwdifo na basabasayɛ nso bɛkɔ; ntɔkwaw ne animka to atwa.
11 Whoever loves a pure heart and speaks graciously will have the king as his friend. Obi a ɔdɔ koma a mu tew na ne kasa ho yɛ nyam no, benya ɔhene afa no adamfo.
12 The eyes of our Father keep watch over knowledge, but he overturns the words of the traitor. Awurade ani wɛn nimdeɛ, na ɔsɛe ɔtorofo nsɛm.
13 The lazy person says, "There is a lion outside! I will be killed in the streets!" Ɔkwadwofo ka se, “Gyata bi wɔ mfikyiri hɔ!” anaasɛ, “Wobekum me wɔ mmɔnten so.”
14 The mouth of forbidden women is a deep pit; whoever draws our Father's anger will fall into it. Ɔbea waresɛefo anom yɛ amoa donkudonku; nea ɔhyɛ Awurade abufuw ase no bɛtɔ mu.
15 Foolishness is bound up in the heart of a child, but the rod of discipline drives it far away. Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nanso nteɛso abaa bɛpam no akɔ akyiri.
16 Whoever oppresses the poor to enrich himself, or gives to the rich, will come only to poverty. Obi besisi ohiani de apɛ ahonya, anaa ɔbɛkyɛ ɔdefo ade, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.
17 Listen carefully to the words of the wise, and apply your heart to my knowledge, Yɛ aso na tie anyansasɛm yi; fa wo koma di me nkyerɛkyerɛ akyi,
18 for it will be pleasant if you keep them within you, if all of them are ready on your lips. efisɛ eye sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wo koma mu, na ne nyinaa ada wʼano.
19 So that your trust may be in our Father, I have made them known to you today, even to you. Sɛ ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛto Awurade so, merekyerɛkyerɛ wo nnɛ, yiw ɛyɛ wo.
20 Have I not written for you thirty sayings of counsel and knowledge, Menkyerɛw mmɛ aduasa mmaa wo, nea ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,
21 to teach you what is right and true, so that you may give a true answer to those who sent you? a ɛkyerɛkyerɛ wo nokware ne nea akyinnye nni ho, sɛnea wubenya mmuae pa ama nea ɔsomaa wo no ana?
22 Do not rob the poor because he is poor, or crush the afflicted at the gate, Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti, na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii,
23 for our Father will plead their cause and will rob of life those who rob them. efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa.
24 Do not befriend a man given to anger, and do not go with a hot-tempered man, Mfa obi a ne koma yɛ den no adamfo, na mfa wo ho mmɔ nea ne bo nkyɛ fuw,
25 or you will learn his ways and entangle yourself in a snare. anyɛ saa a, wubesua nʼakwan na woakɔtɔ afiri mu.
26 Do not be one of those who give pledges, who put up security for debts. Nyɛ nea ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu anaasɛ odi akagyinamu;
27 If you have nothing to pay with, why should your bed be taken from under you? na sɛ wunni nea wɔde tua a wobehuam wo mpa mpo afi wʼase.
28 Do not move the ancient boundary stone that your fathers set up. Ntutu tete abo a wɔde ato hye, nea wo nenanom de sisii hɔ no.
29 Do you see a man skillful in his work? He will stand before kings; he will not stand before ordinary men. Wuhu obi a ne nsa akokwaw nʼadwuma ho ana? Ahemfo anim na ɔbɛsom, na ɔrensom wɔ mpapahwekwa anim.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]