Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 23 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 When you sit down to dine with a ruler, consider carefully what is before you, Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a, hwɛ nea esi wʼanim no yiye,
2 and put a knife to your throat if you are a person ruled by appetite. Sɛ woyɛ adidibrada a, hyɛ wo ho so.
3 Do not crave his delicacies, for they are deceptive food. Nni nʼaduan akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi, efisɛ saa aduan no daadaa nnipa.
4 Do not wear yourself out to get rich; have the wisdom to restrain yourself. Mmiri wo mogya ani mpɛ sika; hu nyansa na tɔ wo bo ase.
5 The moment you look at wealth, it is gone, for it suddenly sprouts wings and flies off toward the heavens like an eagle. Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, ampa ara ebefuw ntaban na atu akɔ wim sɛ ɔkɔre.
6 Do not eat the bread of a stingy man, and do not crave his delicacies, Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe aduan, nni nʼakɔnnɔ aduan akyi;
7 for he is the kind of man who keeps counting the cost. "Eat and drink!" he says to you, but his heart is not with you. efisɛ ɔyɛ obi a bere biara osusuw sika ho. Ɔka se, “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ ne koma mu.
8 You will vomit up the little you have eaten and will have wasted your pleasant words. Kakra a woadi no wobɛfe, na ɛno nti wo nkamfo so remma mfaso.
9 Do not speak in the hearing of a fool, for he will despise the wisdom of your words. Nkasa nkyerɛ ɔkwasea, efisɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.
10 Do not move an ancient boundary stone or encroach on the fields of the fatherless, Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu, na ntra ɔhye nkɔ ayisaa mfuw mu,
11 for their Redeemer is strong; our Father will take up their cause against you. efisɛ wɔn Gyefo yɛ den, na obedi wɔn asɛm ama wɔn.
12 Apply your heart to instruction and your ears to words of knowledge. Ma wo koma mmra nkyerɛkyerɛ so, na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.
13 Do not withhold discipline from a child; if you strike him with the rod, he will not die. Ntwentwɛn abofra nteɛso so; sɛ wode abaa teɛ no a, ɔrenwu.
14 Strike him with the rod, and you will deliver his soul from the grave. Fa abaa twe nʼaso na gye ne kra fi owu mu.
15 My son, if your heart is wise, my own heart will be glad as well. Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, ɛno de, me koma ani begye;
16 My inmost being will rejoice when your lips speak what is right. sɛ wʼano ka nea ɛteɛ a me mu ade nyinaa ani begye.
17 Do not let your heart envy sinners, but continue in the fear of our Father all day long. Mma wʼani mmere abɔnefo, mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden bere biara.
18 Surely there is a future, and your hope will not be cut off. Ampa ara anidaso wɔ hɔ ma wo daakye, na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.
19 Hear, my son, and be wise, and keep your heart on the right road. Me ba, tie, na hu nyansa, ma wo koma mfa ɔkwantrenee so.
20 Do not be among those who get drunk on wine or those who gorge themselves on meat, Mfa wo ho mmɔ akɔwensafo anaasɛ wɔn a wɔpɛ nam mmoroso ho,
21 for the drunkard and the glutton will come to poverty, and drowsiness will clothe them in rags. efisɛ, akɔwensafo ne adidibradafo bɛyɛ ahiafo, na anikum fura wɔn ntamagow.
22 Listen to your father, who gave you life, and do not despise your mother when she is old. Tie wʼagya a ɔwoo wo no, na sɛ wo na bɔ aberewa a, mmu no animtiaa.
23 Buy truth and do not sell it; buy wisdom, instruction, and understanding. Tɔ nokware na ntɔn da; nya nyansa, ahohyɛso ne nhumu.
24 The father of a righteous child will greatly rejoice; whoever fathers a wise son will delight in him. Ɔtreneeni agya wɔ anigye bebree; nea ɔwɔ ɔba nyansafo no ani gye ne ho.
25 Let your father and mother be glad; let her who gave you birth rejoice. Ma wʼagya ne wo na ani nnye; ma ɔbea a ɔwoo wo no nnya ahosɛpɛw.
26 My son, give me your heart, and let your eyes delight in my ways. Me ba, fa wo koma ma me na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,
27 For a prostitute is a deep pit, and an adulterous woman is a narrow well. na oguamanfo yɛ amoa donkudonku ɔyere huhuni yɛ ɔdaadaafo.
28 She lies in wait like a robber and leads many men into faithlessness. Ɔtɛw, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafo, na ɔma mmarima mu atorofo dɔɔso.
29 Who has misery? Who has sorrow? Who has strife? Who has complaints? Who has wounds for no reason? Who has bleary eyes? Hena na wɔadome no? Hena na odi awerɛhow? Hena na odi aperepere? Hena na onwiinwii? Hena na ɔwɔ atape nko ara? Hena na mogya ada nʼani so?
30 Those who linger long over wine, those who go to sample bowls of mixed wine. Wɔn a wɔkyɛ nsa ho, na wɔka nsa a wɔafrafra hwɛ.
31 Do not gaze at wine while it is red, while it sparkles in the cup and goes down smoothly. Nhwɛ nsa ani kɔkɔɔ no haa, bere a ɛretwa yerɛw yerɛw wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no.
32 In the end it bites like a serpent and stings like a viper. Awiei no, ɛka te sɛ ɔwɔ na ɛwɔ bɔre te sɛ ahurutoa.
33 Your eyes will see strange things, and your heart will utter twisted things. Wʼani behu nneɛma a wunhuu da, na woadwene nneɛma basabasa ho.
34 You will be like one lying down in the heart of the sea, like one lying on the top of a ship's mast. Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a, okura hyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ehinhim wɔ po so.
35 "They struck me, but I felt no pain; they beat me, but I did not know it. When will I wake up? I will look for another drink." Na wobɛka se, “Wɔbɔ me, nanso mimpira. Wɔboro me, nanso mente ɔyaw biara. Bere bɛn na menyan akɔpɛ nsa anom bio?”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]