Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 24 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Do not envy evil men, and do not desire to be with them, Mma wʼani mmere amumɔyɛfo, mfa wo ho mmɔ wɔn;
2 for their hearts plot violence, and their lips speak of trouble. Efisɛ wɔn koma dwene atirimɔdensɛm ho, na wɔn ano ka nea ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.
3 By wisdom a house is built, and by understanding it is established; Wɔde nyansa na esi fi, na nhumu mu na wɔma etim;
4 and by knowledge its rooms are filled with all precious and pleasant riches. ɛnam nimdeɛ so na wonya ademude a ɛho yɛ na na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.
5 A wise man is full of strength, and a man of knowledge increases his power, Onyansafo wɔ tumi a ɛso, na onimdefo nyin ahoɔden mu;
6 for by wise guidance you can wage your war, and victory comes through many counselors. nea ɔretu sa hia akwankyerɛ, nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii.
7 Wisdom is too high for a fool; at the gate, he has nothing to say. Nyansa wɔ soro dodo ma ɔkwasea; wɔ apon ano aguabɔ mu no, ɛnsɛ sɛ wobue wɔn ano.
8 Whoever plans to do evil will be called a schemer. Onipa a ɔbɔ pɔw bɔne no, wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo.
9 A fool's scheming is sin, and the scoffer is detestable to people. Ogyimifo nhyehyɛe yɛ bɔne, nnipa kyi ɔfɛwdifo.
10 If you falter in a time of trouble, your strength is small. Sɛ wʼaba mu gow wɔ ɔhaw mu a, na wʼahoɔden sua!
11 Rescue those being taken away to death, and hold back those stumbling toward the slaughter. Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akokum wɔn no nkwa; na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumii.
12 If you say, "Look, we did not know this," does not he who weighs the heart perceive it? Does not he who watches over your soul know it? And will he not repay each person according to his deeds? Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,” nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana? Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana? Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana?
13 My son, eat honey, for it is good, and the honeycomb's drippings are sweet to your taste. Me ba, di ɛwo, efisɛ eye; ɛwokyɛm mu wo yɛ wʼanom dɛ.
14 Know that wisdom is just like this to your soul; if you find it, there is a future, and your hope will not be cut off. Hu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ; sɛ wunya a, wowɔ anidaso ma daakye, na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.
15 Do not lie in wait, you wicked man, against the home of the righteous; do not destroy his resting place, Nkɔtɛw ɔtreneeni fi sɛ ɔkwanmukafo, na nkɔtow nhyɛ nʼatenae so,
16 for though the righteous falls seven times, he rises again, but the wicked stumble in disaster. Ɛwɔ mu sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason de, nanso ɔsɔre bio, na amumɔyɛfo de amanehunu baako ma wɔhwe ase.
17 Do not rejoice when your enemy falls, and do not let your heart be glad when he stumbles, Sɛ wo tamfo hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ; na sɛ ohintiw a mma wo koma nni ahurusi,
18 lest our Father see it and be displeased, and turn his anger away from him. efisɛ Awurade behu wʼadwene na ɔrempɛ na obeyi nʼabufuwhyew afi no so.
19 Do not fret because of evildoers, and do not envy the wicked, Nhaw wo ho wɔ abɔnefo nti, na mma wʼani mmere amumɔyɛfo nso,
20 for the evil man has no future; the lamp of the wicked will be snuffed out. efisɛ, ɔbɔnefo nni anidaso biara daakye, na wobedum amumɔyɛfo kanea.
21 My son, fear our Father and the king, and do not join with those who rebel against them, Me ba, suro Awurade ne ɔhene, na mfa wo ho mmɔ atuatewfo ho,
22 for their disaster will rise suddenly, and who knows the ruin that both of them can bring? efisɛ saa baanu yi de, ɔsɛe bɛba wɔn so mpofirim; na hena na onim amanehunu ko a wobetumi de aba?
23 These also are sayings of the wise: Showing partiality in judgment is not good. Eyinom nso yɛ anyansafo Nsɛnka: Atemmu a nhwɛanim wɔ mu no nye:
24 Whoever says to the guilty, "You are innocent," peoples will curse him and nations will denounce him, Obiara a ɔbɛka akyerɛ nea odi fɔ se, “Wo ho nni asɛm” no, nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.
25 but it will go well for those who convict the guilty, and a rich blessing will come upon them. Na wɔn a wobu afɔdifo fɔ no, ebesi wɔn yiye, na nhyira bɛba wɔn so.
26 An honest answer is like a kiss on the lips. Mmuae pa te sɛ mfewano.
27 Prepare your work outside, get your fields ready, and after that build your house. Wie wo mfikyidwuma na siesie wo mfuw; ɛno akyi, si wo fi.
28 Do not be a witness against your neighbor without cause; would you deceive with your lips? Nni adanse ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee, na mfa wʼano nnaadaa.
29 Do not say, "I will do to him as he did to me; I will pay the man back for what he has done." Nka se, “Nea wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi; nea ɔyɛe no mitua no so ka.”
30 I passed by the field of a lazy man, by the vineyard of someone lacking sense, Menantew faa onihawfo afuw ho, twaa mu wɔ nea onni adwene bobeturo nso ho;
31 and there it was, all overgrown with thorns; the ground was covered with weeds, and its stone wall was broken down. nsɔe afuw wɔ baabiara, wura afuw akata asase no so, na abo afasu no nso abubu.
32 Then I looked and took it to heart; I saw and received instruction. Mede me koma kɔɔ nea mihuu no so na misuaa biribi fii mu:
33 A little sleep, a little slumber, a little folding of the hands to rest, nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔw de rehome kakra
34 and poverty will come upon you like a robber, and scarcity like an armed man. bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo, na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a okura akode. Na ohia bɛtow akyere wo sɛ ɔkwanmukafo; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfowerɛmfo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]