Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 25 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 These also are proverbs of Solomon, which the men of Hezekiah king of Judah copied out. Eyinom yɛ Salomo mmebusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufo kyerɛwee:
2 It is the glory of our Father to conceal a matter, but the glory of kings to search a matter out. Ɛyɛ Onyankopɔn anuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie; sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo anuonyam.
3 As the heavens are high and the earth is deep, so the heart of kings is unsearchable. Sɛnea ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no, saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo koma mu.
4 Take away the dross from the silver, and a vessel comes forth for the refiner. Sɛ woyi dwetɛ ho fi a, na ato nea ɛkɔ dwetɛdwumfo nsam;
5 Take away the wicked from before the king, and his throne will be established in righteousness. Yi amumɔyɛfo fi ɔhene anim, na trenee bɛma nʼahengua atim.
6 Do not put yourself forward in the king's presence, and do not stand in the place of the great; Mma wo ho so wɔ ɔhene anim, na mpere dibea wɔ atitiriw mu;
7 for it is better to be told, "Come up here," than to be put in a lower place in front of a noble you can see. Eye ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo se, “Bra soro ha,” sen sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitiriw bi anim. Nea wode wʼani ahu no
8 Do not rush into a quarrel, for what will you do in the end when your neighbor puts you to shame? mpɛ ntɛm mfa nkɔ asennii, na sɛ awiei no wo yɔnko gu wʼanim ase a dɛn na wobɛyɛ?
9 Argue your case with your neighbor himself, but do not disclose another's secret, Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a nna obi foforo ahintasɛm adi,
10 lest the one who hears it shame you, and your bad reputation never goes away. anyɛ saa a, nea ɔbɛte no begu wʼanim ase na din bɔne a wubenya no rempepa da.
11 A word spoken at the right moment is like apples of gold in settings of silver. Asɛm a wɔka no sɛnea ɛfata no te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ de atuatua dwetɛ nsiesiei mu.
12 Like a ring of gold or an ornament of fine gold is wise correction to a listening ear. Sikakɔkɔɔ asokaa anaa sikakɔkɔɔ ankasa ahyehyɛde te sɛ onyansafo animka a ɔde ma nea ɔyɛ aso ma no.
13 Like the cold of snow in the time of harvest is a faithful messenger to those who send him; he refreshes the soul of his masters. Sɛnea sukyerɛmma ma wim dwo wɔ otwabere mu no, saa ara na ɔsomafo nokwafo te ma wɔn a wɔsoma no no; na ɔma ne wuranom akomatɔyam.
14 Like clouds and wind without rain is one who boasts of a gift never given. Omununkum ne mframa a ɛmfa osu mma no te sɛ onipa a ɔde akyɛde a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.
15 By patience a ruler is persuaded, and a soft tongue breaks bone. Ntoboase ma sodifo ti da, na tɛkrɛmabere tumi bu dompe mu.
16 If you find honey, eat only enough, or you will have too much and vomit. Sɛ wunya ɛwo a, nni ntra so, ne bebrebe bɛma woafe.
17 Don't visit your neighbor's house too often, or he will grow weary of you and hate you. Ntaa nkɔ wo yɔnko fi, wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.
18 Like a club, a sword, and a sharp arrow is one who bears false witness against his neighbor. Onipa a odi adansekurum tia ne yɔnko no te sɛ kontibaa, afoa anaa bɛmma a ano yɛ nnam.
19 Like a bad tooth or a foot out of joint is trust in a faithless person in time of trouble. Ɛse a ɛyare ɔkekaw anaa nan a ɛyɛ apakye te sɛ nea wode wo ho to ɔtorofo so hiada mu.
20 Like one who takes off a garment on a cold day, like vinegar poured on baking soda, is the one who sings songs to a heavy heart. Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no, te sɛ nea ɔpa ntama gu awɔwbere mu anaa te sɛ nsa nyinyanyinya a wohwie gu apirakuru so.
21 If your enemy is hungry, give him bread to eat, and if he is thirsty, give him water to drink; Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.
22 for you will heap coals of fire on his head, and our Father will reward you. Sɛ woyɛ saa a, wobɛsosɔ nnyansramma agu nʼatifi, na Awurade bɛma wo akatua.
23 The north wind brings forth rain, and a secretive tongue, angry looks. Sɛnea atifi fam mframa de osu ba no, saa ara na tɛkrɛma a edi nseku de omuna ba.
24 It is better to live in a corner of the rooftop than in a shared house with a quarrelsome wife. Eye sɛ wobɛtena suhyɛ twɔtwɔw ase baabi, sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.
25 Like cold water to a weary soul is good news from a distant land. Nsuonwini a ɔkra a atɔ beraw nya no te sɛ anigyesɛm a efi akyirikyiri.
26 Like a muddied spring or a polluted fountain is a righteous person who gives way before the wicked. Asuti a afono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ te sɛ ɔtreneeni a ogyaa ne ho ma amumɔyɛfo.
27 It is not good to eat too much honey, nor to seek your own glory. Enye sɛ wodi ɛwo ntraso, saa ara na ɛnyɛ anuonyam sɛ obi bɛhwehwɛ nsɛm a mu dɔ mu.
28 Like a city broken into and left without walls is a person who has no control over his own spirit. Onipa a onni ahohyɛso no te sɛ kuropɔn a nʼafasu abubu agu fam.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]