Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 26 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Like snow in summer and like rain at harvest, honor is not fitting for a fool. Sɛnea sukyerɛmma te ahuhurubere anaasɛ osu wɔ otwabere no, saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.
2 Like a fluttering sparrow or a darting swallow, an undeserved curse does not come to rest. Sɛnea apatuprɛw tu anaasɛ asomfena tu dannan ne ho no, saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.
3 A whip for the horse, a bridle for the donkey, and a rod for the backs of fools. Ɔkafo abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum, na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.
4 Do not answer a fool according to his foolishness, or you yourself will be like him. Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.
5 Answer a fool according to his foolishness, or he will be wise in his own eyes. Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae, anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ onim nyansa.
6 Whoever sends a message through a fool cuts off his own feet and drinks down violence. Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a, ɛte sɛ wutwitwa wʼankasa wʼanan anaasɛ wonom awuduru.
7 Like the legs of a lame man hanging useless is a proverb in the mouth of fools. Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no, yɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
8 Like binding a stone in a sling is giving honor to a fool. Ɔbo a wɔakyekyere afam ahwimmo so te sɛ anuonyam a wɔde ama ɔkwasea.
9 Like a thornbush in the hand of a drunkard is a proverb in the mouth of fools. Nsɔe dua a ɔkɔwensani kita no te sɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
10 Like an archer who wounds everyone is one who hires a fool or hires any passerby. Nea ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no te sɛ agyantowni a opira nnipa kwa.
11 As a dog returns to its vomit, so a fool repeats his foolishness. Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.
12 Do you see someone wise in his own eyes? There is more hope for a fool than for him. Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so ana? Anidaso pii wɔ ɔkwasea mu sen no.
13 The lazy person says, "There is a lion in the road! A lion in the streets!" Ɔkwadwofo ka se, “Gyata wɔ ɔkwan no mu, gyatakeka nenam mmɔnten no so!”
14 As a door turns on its hinges, so the lazy person turns on his bed. Sɛnea ɔpon di akɔneaba wɔ ne mpontare so no, saa ara na ɔkwadwofo twa ne ho wɔ ne mpa so.
15 The lazy person buries his hand in the dish; it wearies him to bring it back to his mouth. Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu, na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.
16 The lazy person is wiser in his own eyes than seven who answer wisely. Ɔkwadwofo yɛ onyansafo wɔ ɔno ankasa ani so sen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua.
17 Like grabbing a dog by the ears is a passerby who meddles in a quarrel not his own. Obi a oso ɔkraman aso twe no no te sɛ obi a ɔretwa mu na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.
18 Like a madman shooting firebrands, arrows, and death, Ɔbɔdamfo a ɔtotow atuo anaa agyanwerɛmfo no
19 so is the one who deceives his neighbor and says, "I was only joking!" te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka se, “Na mede redi agoru!”
20 Without wood a fire goes out, and without a gossip a quarrel dies down. Nnyansin hi a ogya dum; nseku nni hɔ a ntɔkwaw to twa.
21 As charcoal to embers and wood to fire, so a quarrelsome person kindles strife. Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no, saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya.
22 The words of a gossip are like choice morsels; they sink down into the inmost parts. Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
23 Like a glaze covering an earthen pot are smooth lips with an evil heart. Sɛnea ama kata asankagow ho no saa ara na tɛkrɛmadɛ kata amumɔyɛ koma so.
24 An enemy disguises himself with his lips, but in his heart he harbors deceit. Onipa bɔne kasa te sɛ nea oye, nanso nnaadaa ahyɛ ne koma ma.
25 When he speaks graciously, do not believe him, for seven abominations fill his heart. Ɛwɔ mu sɛ ne kasa yɛ dɛ de, nanso nnye no nni, efisɛ abususɛm ason ahyɛ ne koma ma.
26 Though his hatred is hidden by deceit, his wickedness will be exposed in the assembly. Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so, nanso nʼamumɔyɛsɛm bɛda adi wɔ bagua mu.
27 Whoever digs a pit will fall into it, and a stone rolls back on the one who rolls it. Sɛ onipa tu amoa a, ɔbɛtɔ mu; sɛ onipa pirew ɔbo a, ɛbɛsan aba no so.
28 A lying tongue hates those it crushes, and a flattering mouth works ruin. Atoro tɛkrɛma kyi wɔn a ogu wɔn ho fi, na adɛfɛdɛfɛ ano de ɔsɛe ba.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]