Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 27 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Do not boast about tomorrow, for you do not know what a day may bring. Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda bi de bɛba.
2 Let someone else praise you, and not your own mouth; a stranger, and not your own lips. Ma ɔfoforo nkamfo wo; na ɛnyɛ wo ankasa; ma emfi ɔfoforo anom na ɛnyɛ wo.
3 A stone is heavy and the sand a burden, but a fool's provocation is heavier than both. Ɔbo mu yɛ duru, na nwea yɛ adesoa, nanso ɔkwasea abufuwhyew yɛ duru sen emu biara.
4 Wrath is cruel and anger is overwhelming, but who can stand before jealousy? Abufuw tirim yɛ den, na abufuwhyew sɛe ade, na hena na obetumi agyina ninkutwe ano?
5 Open rebuke is better than love that stays hidden. Animka a ɛda gua ye sen ɔdɔ a asuma.
6 A friend's wounds are faithful, but an enemy's kisses are deceitful. Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no ye sen ɔtamfo mfewano bebrebe.
7 A well-fed person tramples honeycomb, but to the hungry even what is bitter tastes sweet. Ɛwo nyɛ nea wamee akɔnnɔ, nanso nea ɛyɛ nwen mpo yɛ nea ɔkɔm de no no nʼanom dɛ.
8 A man who strays from his home is like a bird that strays from its nest. Onipa a wayera ne fi kwan, te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin.
9 Oil and incense gladden the heart, and the sweetness of a friend comes from heartfelt counsel. Ngo ne aduhuam ma koma ani gye, adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma.
10 Do not forsake your friend or your father's friend, and do not go to your brother's house when disaster strikes; better a neighbor nearby than a brother far off. Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo, na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
11 Be wise, my son, and make my heart glad, so that I can answer anyone who taunts me. Me ba, hu nyansa na ma me koma ani nnye; ɛno na ɛbɛma manya mmuae ama obiara a obu me animtiaa.
12 The prudent sees danger and takes cover, but the simple keep going and pay the price. Mmadwemma hu asiane na wohintaw, nanso ntetekwaafo kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
13 Take the garment of one who puts up security for a stranger; hold it as collateral when he does so for a foreign woman. Fa atade a ɛhyɛ obi a odi ɔhɔho akagyinamu; sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.
14 Whoever blesses his neighbor with a loud voice early in the morning, it will be taken as a curse. Sɛ obi teɛ mu hyira ne yɔnko anɔpahema a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
15 A quarrelsome wife is like a constant dripping on a rainy day. Ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ahumtuda nsusosɔ wɔ ɔdan a enwin so;
16 Restraining her is like restraining the wind, or grasping oil with the right hand. sɛ wopata no a, ɛte sɛ nea wopata mframa anaa wode wo nsa beso ngo mu.
17 Iron sharpens iron, and one person sharpens another. Dade sew dade, saa ara na onipa sew ɔfoforo.
18 Whoever tends a fig tree will eat its fruit, and whoever guards his master will be honored. Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bedi so aba, na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.
19 As water reflects the face, so the heart reflects the person. Sɛnea nsu yi animdua kyerɛ no, saa ara na onipa koma da onipa no adi.
20 The grave and Destruction are never satisfied, and a person's eyes are never satisfied. Sɛnea Owu ne Ɔsɛe bo ntɔ da no, saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.
21 The crucible is for silver and the furnace for gold, and a person is tested by the praise he receives. Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ, nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛsɔ no hwɛ.
22 Though you grind a fool in a mortar with a pestle, along with the grain, his foolishness will not leave him. Sɛ wowɔw ɔkwasea wɔ ɔwaduru mu, sɛ wode ɔwɔma wɔw no te sɛnea wusiw aburow a, worentumi nyi agyimisɛm mfi ne ho.
23 Know well the condition of your flocks, and give careful attention to your herds. Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wubehu wo nguankuw tebea, na ma wʼani nkɔ wo anantwikuw so;
24 For riches do not last forever, nor does a crown endure to every generation. efisɛ, ahonya ntena hɔ daa, na ahenkyɛw ntena hɔ mma awo ntoantoaso nyinaa.
25 When the grass is gone and the new growth appears and the mountain herbs are gathered, Sɛ wotwa sare no na foforo fifi, na wɔboaboa nkoko so sare no ano a,
26 the lambs will provide your clothing, and the goats will provide the price of a field; ɛno de, nguantenmma no bɛma wo ntama, na mmirekyi ama sika a ɛtɔ mfuw.
27 and there will be enough goats' milk for your food, for the food of your household and to sustain your servant girls. Wubenya mmirekyi nufusu bebree ama wo ne wʼabusuafo adi ne aduan ama wo mmaawa.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]