Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 28 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The wicked flee when no one pursues, but the righteous are as bold as a lion. Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no, nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata.
2 When a land rebels, it has many rulers, but with a man of understanding and knowledge, it stays stable. Atuatewman nya sodifo pii, nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.
3 A poor man who oppresses the helpless is like a driving rain that leaves no food. Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so no te sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi.
4 Those who forsake the law praise the wicked, but those who keep the law strive against them. Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo, na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.
5 Evil people do not understand justice, but those who seek our Father understand it fully. Abɔnefo nte atɛntrenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.
6 Better is a poor man who walks with integrity than a rich man crooked in his ways. Ohiani a ne nantew ho nni asɛm ye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.
7 Whoever keeps the law is a son with understanding, but a companion of gluttons shames his father. Nea odi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu, nanso nea ɔne adidibradafo bɔ no gu nʼagya anim ase.
8 Whoever multiplies his wealth by interest and unjust gain gathers it for one who is generous to the poor. Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no, ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe.
9 If anyone refuses to listen to the law, even his prayer is detestable. Sɛ obi nni mmara so a, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade.
10 Whoever leads the upright astray down an evil path will fall into his own pit, but the blameless will inherit good things. Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afiri mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.
11 A rich man is wise in his own eyes, but a poor man with understanding sees right through him. Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte.
12 When the righteous triumph, there is great glory, but when the wicked rise, people go into hiding. Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii; nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw.
13 Whoever conceals his sins will not prosper, but whoever confesses and turns from them will find mercy. Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso, na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.
14 Blessed is the one who always remains reverent, but whoever hardens his heart will fall into calamity. Nhyira nka nea osuro Awurade bere nyinaa, nanso nea opirim ne koma no tɔ amane mu.
15 Like a roaring lion or a charging bear is a wicked ruler over a helpless people. Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere.
16 A ruler who lacks understanding is a cruel oppressor, but whoever hates unjust gain will prolong his days. Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene, na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten.
17 A man weighed down by the guilt of bloodshed will be a fugitive until death; let no one support him. Nea awudi ma ne tiboa bu no fɔ no bɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da; wɔmma obiara nsiw no kwan.
18 Whoever walks in integrity will be kept safe, but whoever is crooked in his ways will suddenly fall. Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu, nanso nea nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
19 Whoever works his land will have plenty of bread, but whoever chases empty pursuits will have plenty of poverty. Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii, nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia.
20 A faithful man will abound with blessings, but whoever rushes to get rich will not go unpunished. Wobehyira onipa nokwafo pii, na nea ɔpere pɛ ahonyade no remfa ne ho nni.
21 Showing partiality is not good, yet for a piece of bread a man will do wrong. Nhwɛanim nye, nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne.
22 A stingy man rushes after wealth and does not know that poverty will overtake him. Nea ɔyɛ pɛpɛe pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo na onnim sɛ ohia retwɛn no.
23 Whoever rebukes a man will in the end find more favor than one who flatters with his tongue. Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri no asen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.
24 Whoever robs his father or mother and says, "It is no sin," is a companion to one who destroys. Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn na ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,” ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.
25 A greedy man stirs up strife, but whoever trusts in our Father will be enriched. Odifudepɛfo de mpaapaemu ba na nea ɔde ne ho to Awurade so no benya nkɔso.
26 Whoever trusts in his own heart is a fool, but whoever walks in wisdom will be kept safe. Nea ogye ne ho di no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no.
27 Whoever gives to the poor will lack nothing, but whoever closes his eyes to them will receive many curses. Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no, nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.
28 When the wicked rise, people go into hiding, but when they perish, the righteous flourish. Sɛ amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw; na sɛ amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase dɔ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]