Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 29 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Whoever is often corrected yet refuses to listen will suddenly be broken beyond healing. Obi a ɔkɔ so yɛ tufoante wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrennya ano aduru.
2 When the righteous flourish, the people rejoice, but when the wicked rule, the people groan. Sɛ atreneefo di yiye a, nnipa no di ahurusi; sɛ amumɔyɛfo di nnipa so a, wusi apini.
3 A man who loves wisdom brings joy to his father, but a companion of prostitutes squanders his wealth. Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye, nanso nguamanfo yɔnko sɛe nʼahonya.
4 By justice a king gives a land stability, but one who is greedy for bribes tears it down. Ɔhene nam atɛntrenee so ma ɔman no asomdwoe, nanso nea ɔde adifudepɛ gye adanmude no bɔ ɔman no.
5 A man who flatters his neighbor spreads a net for his feet. Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no sum ne nan afiri.
6 An evil man is snared by his own sin, but the righteous sing and rejoice. Ɔdebɔneyɛni bɔne sum no afiri, nanso ɔtreneeni betumi ato dwom ama nʼani agye.
7 The righteous care about justice for the poor, but the wicked have no such understanding. Ahiafo atɛntreneebu ho hia atreneefo, nanso amumɔyɛfo nni saa ɔtema no.
8 Mockers set a city ablaze, but the wise calm the anger. Fɛwdifo de basabasayɛ ba kuropɔn mu, nanso anyansafo sianka abufuw.
9 When a wise man goes to court with a fool, the fool rages and scoffs, and there is no peace. Sɛ onyansafo de ɔkwasea kɔ asennii a, ɔkwasea no bobɔ mu kasa di fɛw, na asomdwoe mma.
10 The bloodthirsty hate the blameless and seek to kill the upright. Mogyapɛfo kyi ɔnokwafo, na wɔhwehwɛ sɛ wobekum nea ɔteɛ.
11 A fool vents all his anger, but a wise man holds it back and keeps himself calm. Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi, nanso onyansafo hyɛ ne ho so.
12 If a ruler listens to lies, all his officials become wicked. Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a, nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo.
13 The poor man and the oppressor have this in common: our Father gives sight to the eyes of both. Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade.
14 If a king judges the poor with fairness, his throne will be established forever. Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a, nʼahengua betim hɔ daa.
15 The rod and a word of correction give wisdom, but a child left to himself brings shame to his mother. Nteɛso abaa ma nyansa, na abofra a wɔde ne pɛ ma no no, gu ne na anim ase.
16 When the wicked flourish, wrongdoing flourishes, but the righteous will see the wicked's downfall. Sɛ amumɔyɛfo di yiye a, bɔne nso kɔ so, na atreneefo behu wɔn asehwe.
17 Discipline your son, and he will give you peace; he will bring delight to your heart. Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe; ɔbɛma wo kra ani agye.
18 Where there is no revelation, the people run wild, but blessed is the one who keeps the law. Sɛ anisoadehu nni hɔ a nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka nea odi mmara so.
19 A servant cannot be corrected by words alone; though he understands, he will not obey. Wɔmfa anom nsɛm kɛkɛ nteɛ ɔsomfo; ɔte ase de, nanso ɔremfa.
20 Do you see a man who is hasty with his words? There is more hope for a fool than for him. Wuhu obi a ɔpɛ ntɛm kasa ana? Ɔkwasea wɔ anidaso sen no.
21 Pamper a servant from childhood, and in the end he will become like an heir. Sɛ obi kokɔ ne somfo fi ne mmofraase a, awiei no ɔde awerɛhow na ɛbɛba.
22 An angry man stirs up strife, and a hot-tempered man commits many sins. Onipa a ne bo afuw de mpaapaemu ba, na nea ne bo nkyɛ fuw no yɛ bɔne pii.
23 A man's pride brings him low, but a humble spirit gains honor. Onipa ahomaso brɛ no ase, nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.
24 An accomplice of a thief is his own enemy; he hears the curse but says nothing. Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho. Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse.
25 Fear of man lays a snare, but whoever trusts in our Father is kept safe. Onipa ho suro betumi ayɛ afiri, na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.
26 Many seek a ruler's favor, but justice for a person comes from our Father. Bebree hwehwɛ sɛ wobenya ɔhene ne no akasa, nanso onipa nya atɛntrenee fi Awurade nkyɛn.
27 An unjust man is detestable to the righteous, and an upright person is detestable to the wicked. Atreneefo kyi atorofo; na amumɔyɛfo kyi wɔn a wɔn akwan teɛ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]