Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 25 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Salomo Mmɛbusɛm Nkekaho

1Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:

2Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie;sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.

3Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no,saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.

4Sɛ wɔyi dwetɛ ho a,dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ;

5Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim,na tenenee bɛma nʼahennwa atim.

6Mma wo ho so wɔ ɔhene anim,na mpere diberɛ wɔ atitire mu;

7Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,”sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim.Deɛ wode wʼani ahunu no

8mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ,na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase aɛdeɛn na wobɛyɛ?

9Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm anna obi foforɔ ahintasɛm adi,

10anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim asena edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.

11Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata note sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛde atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.

12Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛte sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.

13Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu nosaa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no;na ɔma ne wuranom akomatɔyam.

14Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma note sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.

15Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da,na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.

16Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so,ne bebrebe bɛma woafe.

17Ntaa nkɔ wo yɔnko fie,wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

18Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko note sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam.

19Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakyete sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.

20Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni note sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ muanaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.

21Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

22Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi,na Awurade bɛma wo akatua.

23Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no,saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.

24Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi,sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

25Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya note sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.

26Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ,te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.

27Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ,na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho.

28Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ note sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]