Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 25 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 These also are proverbs of Solomon, which the men of Hezekiah king of Judah copied out. Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:
2 It is the glory of our Father to conceal a matter, but the glory of kings to search a matter out. Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie; sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.
3 As the heavens are high and the earth is deep, so the heart of kings is unsearchable. Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no, saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.
4 Take away the dross from the silver, and a vessel comes forth for the refiner. Sɛ wɔyi dwetɛ ho a, dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ;
5 Take away the wicked from before the king, and his throne will be established in righteousness. Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim, na tenenee bɛma nʼahennwa atim.
6 Do not put yourself forward in the king's presence, and do not stand in the place of the great; Mma wo ho so wɔ ɔhene anim, na mpere diberɛ wɔ atitire mu;
7 for it is better to be told, "Come up here," than to be put in a lower place in front of a noble you can see. Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,” sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim. Deɛ wode wʼani ahunu no
8 Do not rush into a quarrel, for what will you do in the end when your neighbor puts you to shame? mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ, na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase a ɛdeɛn na wobɛyɛ?
9 Argue your case with your neighbor himself, but do not disclose another's secret, Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a nna obi foforɔ ahintasɛm adi,
10 lest the one who hears it shame you, and your bad reputation never goes away. anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim ase na edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.
11 A word spoken at the right moment is like apples of gold in settings of silver. Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata no te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ de atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.
12 Like a ring of gold or an ornament of fine gold is wise correction to a listening ear. Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛ te sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.
13 Like the cold of snow in the time of harvest is a faithful messenger to those who send him; he refreshes the soul of his masters. Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu no saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no; na ɔma ne wuranom akomatɔyam.
14 Like clouds and wind without rain is one who boasts of a gift never given. Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma no te sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.
15 By patience a ruler is persuaded, and a soft tongue breaks bone. Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da, na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.
16 If you find honey, eat only enough, or you will have too much and vomit. Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so, ne bebrebe bɛma woafe.
17 Don't visit your neighbor's house too often, or he will grow weary of you and hate you. Ntaa nkɔ wo yɔnko fie, wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.
18 Like a club, a sword, and a sharp arrow is one who bears false witness against his neighbor. Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko no te sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam.
19 Like a bad tooth or a foot out of joint is trust in a faithless person in time of trouble. Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakye te sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.
20 Like one who takes off a garment on a cold day, like vinegar poured on baking soda, is the one who sings songs to a heavy heart. Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni no te sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ mu anaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.
21 If your enemy is hungry, give him bread to eat, and if he is thirsty, give him water to drink; Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.
22 for you will heap coals of fire on his head, and our Father will reward you. Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi, na Awurade bɛma wo akatua.
23 The north wind brings forth rain, and a secretive tongue, angry looks. Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no, saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.
24 It is better to live in a corner of the rooftop than in a shared house with a quarrelsome wife. Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.
25 Like cold water to a weary soul is good news from a distant land. Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya no te sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.
26 Like a muddied spring or a polluted fountain is a righteous person who gives way before the wicked. Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ, te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.
27 It is not good to eat too much honey, nor to seek your own glory. Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ, na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho.
28 Like a city broken into and left without walls is a person who has no control over his own spirit. Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ no te sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]