Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 26 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Like snow in summer and like rain at harvest, honor is not fitting for a fool. Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.
2 Like a fluttering sparrow or a darting swallow, an undeserved curse does not come to rest. Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no, saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.
3 A whip for the horse, a bridle for the donkey, and a rod for the backs of fools. Ɔkafoɔ abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu, na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi.
4 Do not answer a fool according to his foolishness, or you yourself will be like him. Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ, anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.
5 Answer a fool according to his foolishness, or he will be wise in his own eyes. Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.
6 Whoever sends a message through a fool cuts off his own feet and drinks down violence. Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a, ɛte sɛ woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ.
7 Like the legs of a lame man hanging useless is a proverb in the mouth of fools. Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no, yɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
8 Like binding a stone in a sling is giving honor to a fool. Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so, te sɛ animuonyam a wɔde ama ɔkwasea.
9 Like a thornbush in the hand of a drunkard is a proverb in the mouth of fools. Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no te sɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.
10 Like an archer who wounds everyone is one who hires a fool or hires any passerby. Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa.
11 As a dog returns to its vomit, so a fool repeats his foolishness. Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no, saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.
12 Do you see someone wise in his own eyes? There is more hope for a fool than for him. Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so? Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.
13 The lazy person says, "There is a lion in the road! A lion in the streets!" Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu, gyata nenam mmɔntene no so!”
14 As a door turns on its hinges, so the lazy person turns on his bed. Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no, saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.
15 The lazy person buries his hand in the dish; it wearies him to bring it back to his mouth. Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu, na ɛyɛ no aniha sɛ ɔbɛyi akɔ nʼano.
16 The lazy person is wiser in his own eyes than seven who answer wisely. Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.
17 Like grabbing a dog by the ears is a passerby who meddles in a quarrel not his own. Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.
18 Like a madman shooting firebrands, arrows, and death, Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo anaa agyan kɔdiawuo no
19 so is the one who deceives his neighbor and says, "I was only joking!" te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!”
20 Without wood a fire goes out, and without a gossip a quarrel dies down. Yensin hi a, ogya dum; nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa.
21 As charcoal to embers and wood to fire, so a quarrelsome person kindles strife. Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no, saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.
22 The words of a gossip are like choice morsels; they sink down into the inmost parts. Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ; ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.
23 Like a glaze covering an earthen pot are smooth lips with an evil heart. Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.
24 An enemy disguises himself with his lips, but in his heart he harbors deceit. Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ, nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.
25 When he speaks graciously, do not believe him, for seven abominations fill his heart. Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni, ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.
26 Though his hatred is hidden by deceit, his wickedness will be exposed in the assembly. Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so, nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi wɔ badwa mu.
27 Whoever digs a pit will fall into it, and a stone rolls back on the one who rolls it. Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu; sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.
28 A lying tongue hates those it crushes, and a flattering mouth works ruin. Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi, na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]