Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 27 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Do not boast about tomorrow, for you do not know what a day may bring. Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.
2 Let someone else praise you, and not your own mouth; a stranger, and not your own lips. Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa; ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.
3 A stone is heavy and the sand a burden, but a fool's provocation is heavier than both. Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa, nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara.
4 Wrath is cruel and anger is overwhelming, but who can stand before jealousy? Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?
5 Open rebuke is better than love that stays hidden. Animka a ɛda edwa yɛ sene ɔdɔ a asuma.
6 A friend's wounds are faithful, but an enemy's kisses are deceitful. Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.
7 A well-fed person tramples honeycomb, but to the hungry even what is bitter tastes sweet. Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ, nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.
8 A man who strays from his home is like a bird that strays from its nest. Onipa a wayera ne fie ɛkwan, te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.
9 Oil and incense gladden the heart, and the sweetness of a friend comes from heartfelt counsel. Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye, adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.
10 Do not forsake your friend or your father's friend, and do not go to your brother's house when disaster strikes; better a neighbor nearby than a brother far off. Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ, na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
11 Be wise, my son, and make my heart glad, so that I can answer anyone who taunts me. Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye; ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.
12 The prudent sees danger and takes cover, but the simple keep going and pay the price. Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta, nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
13 Take the garment of one who puts up security for a stranger; hold it as collateral when he does so for a foreign woman. Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu; sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.
14 Whoever blesses his neighbor with a loud voice early in the morning, it will be taken as a curse. Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
15 A quarrelsome wife is like a constant dripping on a rainy day. Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;
16 Restraining her is like restraining the wind, or grasping oil with the right hand. sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.
17 Iron sharpens iron, and one person sharpens another. Dadeɛ se dadeɛ, saa ara na onipa se ɔfoforɔ.
18 Whoever tends a fig tree will eat its fruit, and whoever guards his master will be honored. Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba, na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.
19 As water reflects the face, so the heart reflects the person. Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no, saa ara na onipa akoma da onipa no adi.
20 The grave and Destruction are never satisfied, and a person's eyes are never satisfied. Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no, saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.
21 The crucible is for silver and the furnace for gold, and a person is tested by the praise he receives. Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ, nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.
22 Though you grind a fool in a mortar with a pestle, along with the grain, his foolishness will not leave him. Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu, sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a, worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.
23 Know well the condition of your flocks, and give careful attention to your herds. Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea, na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;
24 For riches do not last forever, nor does a crown endure to every generation. ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa, na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.
25 When the grass is gone and the new growth appears and the mountain herbs are gathered, Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,
26 the lambs will provide your clothing, and the goats will provide the price of a field; ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma, na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.
27 and there will be enough goats' milk for your food, for the food of your household and to sustain your servant girls. Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree ama wo ne wʼabusuafoɔ adi ne aduane ama wo mmaawa.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]