Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 28 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The wicked flee when no one pursues, but the righteous are as bold as a lion. Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no, nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata.
2 When a land rebels, it has many rulers, but with a man of understanding and knowledge, it stays stable. Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii, nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.
3 A poor man who oppresses the helpless is like a driving rain that leaves no food. Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so no te sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ.
4 Those who forsake the law praise the wicked, but those who keep the law strive against them. Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ, na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan.
5 Evil people do not understand justice, but those who seek our Father understand it fully. Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te aseɛ yie.
6 Better is a poor man who walks with integrity than a rich man crooked in his ways. Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm yɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.
7 Whoever keeps the law is a son with understanding, but a companion of gluttons shames his father. Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu, nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.
8 Whoever multiplies his wealth by interest and unjust gain gathers it for one who is generous to the poor. Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho no ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ.
9 If anyone refuses to listen to the law, even his prayer is detestable. Sɛ obi nni mmara so a, ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.
10 Whoever leads the upright astray down an evil path will fall into his own pit, but the blameless will inherit good things. Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afidie mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.
11 A rich man is wise in his own eyes, but a poor man with understanding sees right through him. Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.
12 When the righteous triumph, there is great glory, but when the wicked rise, people go into hiding. Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii; nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.
13 Whoever conceals his sins will not prosper, but whoever confesses and turns from them will find mercy. Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ, na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.
14 Blessed is the one who always remains reverent, but whoever hardens his heart will fall into calamity. Nhyira nka deɛ ɔsuro Awurade ɛberɛ nyinaa, nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu.
15 Like a roaring lion or a charging bear is a wicked ruler over a helpless people. Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.
16 A ruler who lacks understanding is a cruel oppressor, but whoever hates unjust gain will prolong his days. Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene, na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.
17 A man weighed down by the guilt of bloodshed will be a fugitive until death; let no one support him. Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no, ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da; mma obiara mmɔ ne ho ban.
18 Whoever walks in integrity will be kept safe, but whoever is crooked in his ways will suddenly fall. Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu, nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
19 Whoever works his land will have plenty of bread, but whoever chases empty pursuits will have plenty of poverty. Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii, nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.
20 A faithful man will abound with blessings, but whoever rushes to get rich will not go unpunished. Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii, na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni.
21 Showing partiality is not good, yet for a piece of bread a man will do wrong. Animhwɛ nyɛ, nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne.
22 A stingy man rushes after wealth and does not know that poverty will overtake him. Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔ na ɔnnim sɛ ohia retwɛn no.
23 Whoever rebukes a man will in the end find more favor than one who flatters with his tongue. Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyire asene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.
24 Whoever robs his father or mother and says, "It is no sin," is a companion to one who destroys. Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔno na ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no, ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ.
25 A greedy man stirs up strife, but whoever trusts in our Father will be enriched. Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu ba na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no bɛnya nkɔsoɔ.
26 Whoever trusts in his own heart is a fool, but whoever walks in wisdom will be kept safe. Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea, na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no.
27 Whoever gives to the poor will lack nothing, but whoever closes his eyes to them will receive many curses. Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no, nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.
28 When the wicked rise, people go into hiding, but when they perish, the righteous flourish. Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta; na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]