Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 29 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Whoever is often corrected yet refuses to listen will suddenly be broken beyond healing. Obi a ɔkɔ so yɛ tufoanteɛ wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano.
2 When the righteous flourish, the people rejoice, but when the wicked rule, the people groan. Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie; sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie.
3 A man who loves wisdom brings joy to his father, but a companion of prostitutes squanders his wealth. Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye, nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya.
4 By justice a king gives a land stability, but one who is greedy for bribes tears it down. Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ, nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no.
5 A man who flatters his neighbor spreads a net for his feet. Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no sum ne nan afidie.
6 An evil man is snared by his own sin, but the righteous sing and rejoice. Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie, nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye.
7 The righteous care about justice for the poor, but the wicked have no such understanding. Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ, nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no.
8 Mockers set a city ablaze, but the wise calm the anger. Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu, nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano.
9 When a wise man goes to court with a fool, the fool rages and scoffs, and there is no peace. Sɛ onyansafoɔ de ɔkwasea kɔ asɛnniiɛ a, ɔkwasea no bobom kasa di fɛ, na asomdwoeɛ mma.
10 The bloodthirsty hate the blameless and seek to kill the upright. Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ, na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene.
11 A fool vents all his anger, but a wise man holds it back and keeps himself calm. Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi, nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.
12 If a ruler listens to lies, all his officials become wicked. Sɛ sodifoɔ tie nkontomposɛm a, nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ.
13 The poor man and the oppressor have this in common: our Father gives sight to the eyes of both. Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa wɔ saa adeɛ baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ.
14 If a king judges the poor with fairness, his throne will be established forever. Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a, nʼahennwa bɛtim hɔ daa.
15 The rod and a word of correction give wisdom, but a child left to himself brings shame to his mother. Ntenesoɔ abaa ma nyansa, na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase.
16 When the wicked flourish, wrongdoing flourishes, but the righteous will see the wicked's downfall. Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so, na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.
17 Discipline your son, and he will give you peace; he will bring delight to your heart. Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ; ɔbɛma wo ɔkra ani agye.
18 Where there is no revelation, the people run wild, but blessed is the one who keeps the law. Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.
19 A servant cannot be corrected by words alone; though he understands, he will not obey. Wɔmmfa anomu nsɛm nko ara ntene ɔsomfoɔ so, ɔte aseɛ deɛ, nanso ɔremfa.
20 Do you see a man who is hasty with his words? There is more hope for a fool than for him. Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa? Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no.
21 Pamper a servant from childhood, and in the end he will become like an heir. Sɛ obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a, awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba.
22 An angry man stirs up strife, and a hot-tempered man commits many sins. Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba, na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii.
23 A man's pride brings him low, but a humble spirit gains honor. Onipa ahomasoɔ brɛ no ase, nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam.
24 An accomplice of a thief is his own enemy; he hears the curse but says nothing. Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho. Wɔama waka ntam enti ɔsuro sɛ ɔbɛdi adanseɛ.
25 Fear of man lays a snare, but whoever trusts in our Father is kept safe. Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo, na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no.
26 Many seek a ruler's favor, but justice for a person comes from our Father. Bebree hwehwɛ sɛ wɔbɛnya ɔhene ne no akasa, nanso onipa nya atɛntenenee firi Awurade nkyɛn.
27 An unjust man is detestable to the righteous, and an upright person is detestable to the wicked. Teneneefoɔ kyiri atorofoɔ; na amumuyɛfoɔ kyiri wɔn a wɔn akwan tene.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]