Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 30 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The words of Agur son of Jakeh—the oracle. The man declares: I am weary, O my Father; I am weary, O my Father, and worn out. Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ: Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:
2 Surely I am too brutish to be a man; I do not have the understanding of a man. “Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu, menni onipa nteaseɛ.
3 I have not learned wisdom, nor do I have knowledge of the Holy One. Mensuaa nyansa, na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.
4 Who has ascended to heaven and come down? Who has gathered the wind in the hollow of his hands? Who has wrapped the waters in a garment? Who has established all the ends of the earth? What is his name, and what is his son's name? Surely you know! Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam? Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu? Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa? Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi? Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn? Sɛ wonim a ka kyerɛ me!
5 Every word of our Father proves true; he is a shield to those who take refuge in him. “Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ; ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.
6 Do not add to his words, or he will rebuke you and prove you a liar. Mfa biribi nka nʼasɛm ho, anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.
7 Two things I ask of you; do not withhold them from me before I die: “Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn; mfa nkame me ansa na mawu:
8 Keep falsehood and lies far from me; give me neither poverty nor riches; feed me only the bread that is my portion, Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu; mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ; nanso ma me deɛ medi daa.
9 for if I am full, I may deny you and say, "Who is God?" or if I am poor, I may steal and profane the name of my God. Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wo na maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’ Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno, na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.
10 Do not slander a servant to his master, or he will curse you and you will be found guilty. “Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura; sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.
11 There is a generation that curses its father and does not bless its mother. “Nnipa bi dome wɔn agyanom, na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;
12 There is a generation clean in its own eyes yet not washed of its filth. Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani so a ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;
13 There is a generation—how proud its eyes, how scornful its glances! wɔn a wɔn ani tra ntɔn, na wɔbu animtiaa;
14 There is a generation whose teeth are swords, whose fangs are knives, to devour the poor from the earth and the needy from among mankind. wɔn a wɔn se yɛ akofena na sekammoa hyehyɛ wɔn apantan wɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so, na woayi onibie afiri adasamma mu.
15 The leech has two daughters: "Give" and "Give." Three things are never satisfied; four never say, "Enough": “Amemem wɔ mmammaa mmienu a wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’ “Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da. Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’
16 The grave, the barren womb, the land never satisfied with water, and the fire that never says, "Enough." Damena, obonini awotwaa, asase a ɛyɛ wesee daa, ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’
17 The eye that mocks a father and scorns to obey a mother—the ravens of the valley will pluck it out, and the young vultures will eat it. “Ani a ɛyi agya ahi, na ɛbu ɛna animtia no, bɔnhwa ho anene bɛtutu, na apete abɛdi.
18 Three things are too wonderful for me; four I do not understand: “Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa, ɛnan na mente aseɛ:
19 the way of an eagle in the sky, the way of a serpent on a rock, the way of a ship in the heart of the sea, and the way of a man with a young woman. Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem, sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so, ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so, ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.
20 This is the way of an adulteress: she eats and wipes her mouth and says, "I have done no wrong." “Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie: Ɔdidi, ɔpepa nʼano na ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’
21 Under three things the earth trembles; under four it cannot bear up: “Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso, ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano:
22 a servant when he becomes king, and a fool when he is filled with food; akoa a wabɛyɛ ɔhene, ɔkwasea a wadidi amee,
23 an unloved woman when she finally marries, and a servant girl when she displaces her mistress. ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ, afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.
24 Four things on earth are small, yet they are exceedingly wise: “Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so, nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa:
25 the ants are a people not strong, yet they store up their food in the summer; Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden, nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;
26 the rock badgers are a people not mighty, yet they make their homes in the cliffs; Nkukuban—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden, nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,
27 the locusts have no king, yet all of them advance in ranks; ntutummɛ nni ɔhene, nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim;
28 the lizard you can catch in your hands, yet it is found in kings' palaces. wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ, nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.
29 Three things are stately in their stride; four are stately in their walk: “Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ, ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn:
30 the lion, mightiest among beasts, which turns back before nothing; gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu;
31 the strutting rooster, the male goat, and a king whose army is with him. akokɔnini a ɔretutu taataa, ɔpapo, ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia.
32 If you have been foolish, exalting yourself, or if you have schemed evil, put your hand over your mouth. “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so, anaa woadwene bɔne a, ma wʼani nwu na mua wʼano!
33 For pressing milk produces curds, pressing the nose produces blood, and pressing anger produces strife. Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu ba na wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no, saa ara na abufuo de akasakasa ba.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]