Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 30 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Agur Nsɛm A Ɔkaeɛ

1Yake babarima Agur nsɛm a ɔkaeɛ a ɛyɛ nkɔmhyɛ:Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal sɛ:

2“Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu,menni onipa nteaseɛ.

3Mensuaa nyansa,na menni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso.

4Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?Sɛ wonim a ka kyerɛ me!

5“Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokorɛ;ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane toa no.

6Mfa biribi nka nʼasɛm ho,anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofoɔ.

7“Ao Awurade, nneɛma mmienu na mehwehwɛ firi wo nkyɛn;mfa nkame me ansa na mawu:

8Yi atorɔ ne ahohwisɛm firi me mu;mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefoɔ;nanso ma me deɛ medi daa.

9Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wona maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno,na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.

10“Nsɛe ɔsomfoɔ din nkyerɛ ne wura;sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wobɛtua so ka.

11“Nnipa bi dome wɔn agyanom,na wɔnnhyira wɔn maamenom nso;

12Wɔn a wɔtene wɔ wɔn ankasa ani soa ɛnso wɔnhohoroo wɔn ho fi;

13wɔn a wɔn ani tra ntɔn,na wɔbu animtiaa;

14wɔn a wɔn se yɛ akofenana sekammoa hyehyɛ wɔn apantanwɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so,na woayi onibie afiri adasamma mu.

15“Amemem wɔ mmammaa mmienua wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’“Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da.Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’

16Damena, obonini awotwaa, asase a ɛyɛ wesee daa, ne ogya a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’

17“Ani a ɛyi agya ahi,na ɛbu ɛna animtia no,bɔnhwa ho anene bɛtutu,na apete abɛdi.

18“Nneɛma mmiɛnsa na ɛyɛ me nwanwa, ɛnan na mente aseɛ:

19Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem, sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so, ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so, ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.

20“Ɔbaa waresɛefoɔ ɛkwan nie:Ɔdidi, ɔpepa nʼanona ɔka sɛ, ‘Menyɛɛ mfomsoɔ biara.’

21“Nneɛma mmiɛnsa na ɛma asase woso, ɛnan na asase ɛntumi nnyina ano:

22akoa a wabɛyɛ ɔhene, ɔkwasea a wadidi amee,

23ɔbaa a wɔmmpɛ no na wawareɛ, afenaa a ɔtu nʼawurakwaa tena nʼanan mu.

24“Nneɛma nketenkete ɛnan na ɛwɔ asase so, nanso wɔyɛ anyansafoɔ ankasa:

25Ntɛtea yɛ abɔdeɛ nketewa a wɔnni ahoɔden, nanso wɔboaboa wɔn aduane ano ahuhuro berɛ mu;

26Nkukuban—yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden, nanso wɔyɛ wɔn afie wɔ abotan mu,

27ntutummɛ nni ɔhene, nanso wɔsa so akuakuo, kɔ wɔn anim;

28wɔtumi de nsa kyere ɔkoterɛ, nanso wɔhunu no aberempɔn ahemfie.

29“Nneɛma mmiɛnsa na wɔwɔ aberempɔn nanteɛ, ɛnan na wɔkeka wɔn ho te sɛ aberempɔn:

30gyata, mmoadoma ɔhene a, biribiara mmɔ no hu;

31akokɔnini a ɔretutu taataa, ɔpapo, ne ɔhene a nʼasraafoɔ atwa ne ho ahyia.

32“Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so,anaa woadwene bɔne a,ma wʼani nwu na mua wʼano!

33Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu bana wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no,saa ara na abufuo de akasakasa ba.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]