Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 31 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The words of King Lemuel—an oracle his mother taught him: Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ne maame kyerɛɛ no:
2 What, my son? What, son of my womb? What, son of my vows? Ao me babarima, me yafunu ba, Ao mebɔhyɛ ba,
3 Do not give your strength to women, or your ways to those who destroy kings. nsɛe wʼahoɔden wɔ mmaa ho, wɔn a wɔgu ahemfo asu no.
4 It is not for kings, Lemuel—not for kings to drink wine, or for rulers to crave strong drink. Lemuel, nsã nyɛ mma ahemfo; asanom nyɛ mma ahemfo, ɛnsɛ sɛ sodifoɔ pere nsaden ho;
5 For if they drink, they will forget what is decreed and pervert the rights of all the oppressed. sɛ wɔnom nsã a, wɔn werɛ bɛfiri deɛ mmara no ka, na wɔn a wɔdi wɔn nya no rennya deɛ wɔwɔ ho ɛkwan.
6 Give strong drink to one who is perishing, and wine to those in bitter distress. Fa nsaden ma wɔn a wɔresɛe, na fa nsã ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;
7 Let them drink and forget their poverty, and remember their misery no more. Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfiri wɔn hia na wɔnnkae wɔn awerɛhoɔ bio.
8 Open your mouth for the voiceless, for the rights of all who are left destitute. Kasa ma wɔn a wɔntumi nkasa mma wɔn ho, kasa ma mmɔborɔfoɔ yiedie.
9 Open your mouth, judge righteously, and defend the rights of the poor and needy. Kasa na bu atɛntenenee; kasa ma ahiafoɔ ne onnibie yiedie.
10 A woman of valor—who can find her? She is far more precious than jewels. Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya? Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.
11 The heart of her husband trusts in her, and he will lack nothing of value. Ne kunu wɔ ne mu ahotosoɔ pa ara na biribiara a ɛwɔ boɔ nhia no.
12 She does him good and not harm, all the days of her life. Ɔde deɛ ɛyɛ brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw, ne nkwa nna nyinaa mu.
13 She seeks out wool and flax, and works with willing hands. Ɔhwehwɛ odwannwi ne asaawa na ɔde ne nsa nwono wɔ fɛ so.
14 She is like the merchant ships, bringing her food from afar. Ɔte sɛ adwadifoɔ ahyɛn, ɔde ne nnuane firi akyirikyiri ba.
15 She rises while it is still night, provides food for her household, and portions for her servant girls. Adeɛ nnya nkyeeɛ no na wasɔre; ɔsiesie aduane ma nʼabusuafoɔ na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.
16 She considers a field and buys it; from the fruit of her hands she plants a vineyard. Ɔdwene afuo ho, na ɔtɔ; ɔfiri deɛ ɔnya mu yɛ bobefuo.
17 She wraps herself in strength and makes her arms strong. Ɔde nsi yɛ nʼadwuma; nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.
18 She perceives that her trading is profitable; her lamp does not go out at night. Ɔhwɛ sɛ nʼadwadie ho wɔ mfasoɔ, na ne kanea ɛnnum anadwo.
19 She puts her hands to the spinning staff, and her hands grasp the spindle. Daa, na ne nsa kura tadua mu a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.
20 She opens her hand to the poor and reaches out her hands to the needy. Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔ na ne nsa so onibie so.
21 She has no fear for her household when it snows, for all her household are clothed in scarlet. Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fiefoɔ ho; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa wɔ aduradeɛ a wɔde ko awɔ.
22 She makes coverings for herself; her clothing is fine linen and purple. Ɔyɛ ne mpasotam; na ɔfira nwera ne serekye ntoma.
23 Her husband is known in the gates, when he sits among the elders of the land. Ne kunu wɔ animuonyam wɔ kuropɔn ɛpono ano, baabi a ɔne asase no so mpanimfoɔ tena.
24 She makes linen garments and sells them, and supplies sashes to the merchants. Ɔpempam nwera ntadeɛ tontɔn, na ɔtu abɔwomu ma adwadifoɔ.
25 Strength and dignity are her clothing, and she laughs at the days to come. Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam; na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim.
26 She opens her mouth with wisdom, and faithful instruction is on her tongue. Ɔkasa nyansa mu, na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
27 She watches over the ways of her household and does not eat the bread of idleness. Ɔhwɛ ne fidua mu nnwuma so na ɔnnyegye aniha so.
28 Her children rise up and call her blessed; her husband also, and he praises her: Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira; ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ,
29 "Many daughters have done valiantly, but you surpass them all." “Mmaa pii yɛ nneɛma a ɛwɔ edin, na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.”
30 Charm is deceptive and beauty is fleeting, but a woman who reveres our Father—she will be praised. Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so; nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ.
31 Give her the fruit of her hands, and let her works praise her in the gates. Fa abasobɔdeɛ a wanya no ma no, na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn ɛpono ano.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]