Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 24 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Do not envy evil men, and do not desire to be with them, Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ, mfa wo ho mmɔ wɔn;
2 for their hearts plot violence, and their lips speak of trouble. Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho, na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.
3 By wisdom a house is built, and by understanding it is established; Wɔde nyansa na ɛsi efie, na nhunumu mu na wɔma ɛtim;
4 and by knowledge its rooms are filled with all precious and pleasant riches. ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ na na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.
5 A wise man is full of strength, and a man of knowledge increases his power, Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso, na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;
6 for by wise guidance you can wage your war, and victory comes through many counselors. deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ, deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.
7 Wisdom is too high for a fool; at the gate, he has nothing to say. Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea; wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.
8 Whoever plans to do evil will be called a schemer. Onipa ɔbɔ pɔ bɔne no wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.
9 A fool's scheming is sin, and the scoffer is detestable to people. Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne, nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.
10 If you falter in a time of trouble, your strength is small. Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a, na wʼahoɔden sua!
11 Rescue those being taken away to death, and hold back those stumbling toward the slaughter. Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa; na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.
12 If you say, "Look, we did not know this," does not he who weighs the heart perceive it? Does not he who watches over your soul know it? And will he not repay each person according to his deeds? Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,” deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa? Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa? Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?
13 My son, eat honey, for it is good, and the honeycomb's drippings are sweet to your taste. Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ; ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.
14 Know that wisdom is just like this to your soul; if you find it, there is a future, and your hope will not be cut off. Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ; sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye, na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.
15 Do not lie in wait, you wicked man, against the home of the righteous; do not destroy his resting place, Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ, na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,
16 for though the righteous falls seven times, he rises again, but the wicked stumble in disaster. Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio, na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.
17 Do not rejoice when your enemy falls, and do not let your heart be glad when he stumbles, Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ; na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,
18 lest our Father see it and be displeased, and turn his anger away from him. ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛ na ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.
19 Do not fret because of evildoers, and do not envy the wicked, Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ enti na ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,
20 for the evil man has no future; the lamp of the wicked will be snuffed out. ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye, na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.
21 My son, fear our Father and the king, and do not join with those who rebel against them, Me ba, suro Awurade ne ɔhene, na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,
22 for their disaster will rise suddenly, and who knows the ruin that both of them can bring? ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim, na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?
23 These also are sayings of the wise: Showing partiality in judgment is not good. Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka: Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ:
24 Whoever says to the guilty, "You are innocent," peoples will curse him and nations will denounce him, Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi fɔ sɛ, “Wo ho nni asɛm” no nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.
25 but it will go well for those who convict the guilty, and a rich blessing will come upon them. Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ fɔ no ɛbɛsi wɔn yie, na nhyira bɛba wɔn so.
26 An honest answer is like a kiss on the lips. Mmuaeɛ pa te sɛ mfeano.
27 Prepare your work outside, get your fields ready, and after that build your house. Wie wo mfikyidwuma na siesie wo mfuo; ɛno akyi, si wo fie.
28 Do not be a witness against your neighbor without cause; would you deceive with your lips? Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee, na mfa wʼano nnaadaa.
29 Do not say, "I will do to him as he did to me; I will pay the man back for what he has done." Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi; deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.”
30 I passed by the field of a lazy man, by the vineyard of someone lacking sense, Menante faa onihafoɔ afuo ho twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;
31 and there it was, all overgrown with thorns; the ground was covered with weeds, and its stone wall was broken down. nkasɛɛ afu wɔ baabiara, wira afu akata asase no so, na aboɔ afasuo no nso abubu.
32 Then I looked and took it to heart; I saw and received instruction. Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so na mesuaa biribi firii mu:
33 A little sleep, a little slumber, a little folding of the hands to rest, nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔ de rehome kakra,
34 and poverty will come upon you like a robber, and scarcity like an armed man. bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo sɛ ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfoɔ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]