Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 7 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Ɔbaawaresɛefoɔ Ho Kɔkɔbɔ

1Me ba, fa me nsɛm siena kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.

2Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa;bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.

3Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.

4Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,”na frɛ nteaseɛ wo busuani;

5Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho,afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.

6Me fie mpomma anomede mʼani faa ntokua mu.

7Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu,mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso,ɔbabunu a ɔnni adwene.

8Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie soa nʼani kyerɛ ɔbaa no fie

9ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ,na animu rebiribiri no.

10Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no awasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.

11(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,ɔntena efie koraa;

12ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem,ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)

13Ɔsɔɔ ne mu fee nʼanowamfɛre, na ɔkaa sɛ,

14“Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie;ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.

15Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo;mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!

16Mato me mpamede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.

17Mede nnuhwam apete me mpa so:kurobo, pɛperɛ ne sinamon.

18Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;

19Me kunu nni efie;watu kwan na ɔbɛkyɛre.

20Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ mana ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”

21Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn;ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.

22Ɔdii nʼakyi prɛko pɛte sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ,anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu

23kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu,te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie muna ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

24Na afei, me mma, montie me;monyɛ aso mma deɛ meka.

25Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne sona mommane mfa nʼakwan so.

26Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase;wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn aɛkɔ owuo mpia mu.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]