Side by side with the Father's Heart Bible™ Ɔbeawaresɛefo Ho Kɔkɔbɔ
1Me ba, fa me nsɛm siena kora mʼahyɛde wɔ wo mu.
2Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa;bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.
3Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.
4Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,”na frɛ ntease wo busuani;
5Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho,afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.
6Me fi mfɛnsere ano,mede mʼani faa mfɛnsere mu.
7Mihuu wɔ ntetekwaafo mu,mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow,ɔbabun a onni adwene.
8Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi soa nʼani kyerɛ ɔbea no fi
9bere a onwini redwo,na anim rebiribiri no.
10Afei ɔbea bi fi behyiaa no awasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.
11(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,ɔntena fie koraa;
12nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea,ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)
13Osoo ne mu few nʼano,wamfɛre, na ɔkae se,
14“Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie;nnɛ madi me bɔhyɛ so.
15Enti mebae sɛ merebehyia wo;mehwehwɛɛ wo na mahu wo!
16Mato me mpa,mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.
17Mede nnuhuam apete me mpa so:kurobow, pɛprɛ ne dupapo.
18Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;
19Me kunu nni fie;watu kwan na ɔbɛkyɛ.
20Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku mana ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”
21Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa;ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.
22Odii nʼakyi prɛko pɛte sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii,anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu
23kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu,te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri muna onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
24Na afei, me mma, muntie me;monyɛ aso mma nea meka.
25Mommma mo koma mpatiri nkɔ no sona momman mmfa nʼakwan so.
26Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase;wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
27Ne fi yɛ ɔda tempɔn aɛkɔ owu pia mu.