Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 6 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Agyimisɛm Ho Kɔkɔbɔ

1Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,

2sɛ nea wokae ayi ka ama wona sɛ wʼano asɛm afiri ayi wo a,

3ɛno de yɛ eyi, me ba, na fa tetew wo ho,sɛ ɔyɔnko nsa aka wo no nti:fa ahobrɛase kɔ nʼanim;na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!

4Mma wʼani nkumna ntɔ nko.

5Gye wo ho, sɛnea ɔforote guan fi ɔbɔmmɔfo nsamanaa sɛnea anomaa guan fi ofirisumfo afiri mu no.

6Ɔkwadwofo, kɔ ɔtɛtea nkyɛn;hwɛ nʼakwan, na hu nyansa!

7Onni ɔsahene,onni ɔhwɛfo anaa sodifo bi,

8nanso ɔde aduan sie wɔ ahuhurubere mu,ɔboaboa nnuan ano wɔ twabere.

9Wo, ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn?Wubenyan bere bɛn?

10Nna kakra, nkotɔ kakra,nsa a woabobɔw de rehome kakra,

11ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafona ahokyere atow akyere wo sɛnea okura otuo.

12Onipa teta ne ohuhuni aodi atoro kyin,

13nea obu nʼani,na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnnena ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ ade,

14nea ɔde ne koma mu nnaadaa bɔ pɔw bɔne,na ɔde mpaapaemu ba bere biara.

15Ɛno nti amanehunu bɛba no so prɛko pɛ;wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduru.

16Nneɛma asia na Awurade mpɛ, nneɛma ason na ɛyɛ nʼakyiwade:

17ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, nsa a ɛka mogya a edi bem gu,

18koma a edwen amumɔyɛ ho, anan a etutu mmirika kɔyɛ bɔne,

19ɔdansekurumni a odi atoro ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu.

Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

20Me ba, tie wʼagya ahyɛdena nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu.

21Fa kyekyere wo koma ho daa;na fa kyekyere wɔ kɔn mu.

22Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan;sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo;sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo.

23Na saa ahyɛde yi yɛ kaneasaa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,na ahohyɛso nteɛso yiyɛ nkwa kwan,

24ɛtwe wo fi ɔbea a onni suban pa no ho,fi ɔbeawarefo huhuni tɛkrɛmadɛ ho.

25Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ,mma nʼani akyideda no ntwetwe wo,

26efisɛ oguamanfo ma wʼanuonyam yɛ sɛ brodosin,na obi yere gyigye wo kɔ owu mu.

27Obi betumi asɔ gya agu ne srɛ so anhyew nʼatade ana?

28Obi betumi anantew nnyansramma so ampumpunnya mmobɔ nʼanan ho ana?

29Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere da no te;obiara a ɔde ne nsa bɛka no no, remfa ne ho nni da.

30Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaasɛ ɔkɔm de no na ɔde rekodwudwo ano nti.

31Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason;sɛ ɛbɛma wahwere ne fi agyapade nyinaa mpo a.

32Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene;obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho.

33Ɔhwe ne animguase na obenya,na nʼahohora rempepa da.

34Ninkutwe hwanyan okunu abufuwna sɛ ɔtɔ were a, ahummɔbɔ biara nni mu.

35Ɔrennye mpata biara;na ɔbɛpo adanmude, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]