Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 19 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Better is a poor person who walks in his integrity than one whose words are crooked and is a fool. Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛm no yɛ sene ɔkwasea a nʼasɛm mfa ɛkwan mu.
2 Also, desire without knowledge is not good, and whoever acts in haste misses the way. Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ.
3 A person's own foolishness ruins his way, yet his heart rages against our Father. Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso nʼakoma huru tia Awurade.
4 Wealth adds many friends, but the poor is separated from his friend. Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gya no hɔ.
5 A false witness will not go unpunished, and one who breathes out lies will not escape. Adansekurumni bɛnya nʼakatua, na deɛ ɔtwa nkontompo remfa ne ho nni.
6 Many seek the favor of a generous person, and everyone is a friend to one who gives gifts. Nnipa pii pɛ adom firi sodifoɔ nkyɛn, na deɛ ɔkyɛ adeɛ yɛ obiara adamfo.
7 All the brothers of a poor person hate him; how much more do his friends keep far from him! He calls after them, but they are gone. Ohiani abusuafoɔ nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso ɔnhunu wɔn baabiara.
8 Whoever gets wisdom loves his own soul; whoever guards understanding will find good. Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra; deɛ ɔpɛ nhunumu no nya nkɔsoɔ.
9 A false witness will not go unpunished, and one who breathes out lies will perish. Adansekurumni bɛnya asotwe, na deɛ ɔtwa nkontompo no bɛyera.
10 Luxury is not fitting for a fool—much less for a servant to rule over princes. Akɛsesɛm mfata ɔkwasea, anaasɛ akoa bɛdi mmapɔmma so!
11 The good sense of a person makes him slow to anger, and it is his glory to overlook an offense. Onipa nyansa ma no ntoboaseɛ; sɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ bi so a ɛhyɛ no animuonyam.
12 A king's wrath is like the roaring of a lion, but his favor is like dew on the grass. Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na nʼadom te sɛ ɛserɛ so bosuo.
13 A foolish son is ruin to his father, and a wife's quarreling is a continual dripping. Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛeɛ, ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ nsusosɔ a ɛntwa da.
14 House and wealth are an inheritance from one's ancestors, but a prudent wife is from our Father. Afie ne ahonyadeɛ yɛ agyapadeɛ a ɛfiri awofoɔ, na ɔyere nimdefoɔ firi Awurade.
15 Laziness casts into deep sleep, and an idle person will go hungry. Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, na ɛkɔm de ɔkwadwofoɔ.
16 Whoever keeps the commandment keeps his life; whoever despises his ways will die. Deɛ ɔdi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, na deɛ ɔgyaagyaa ne ho no bɛwu.
17 Whoever is generous to the poor lends to our Father, and our Father will repay him for his deed. Deɛ ɔyɛ adɔeɛ ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na ɔbɛtua no deɛ ɔyɛ no so ka.
18 Discipline your son while there is hope, and do not set your heart on his destruction. Tene wo ba, na ɛno mu na anidasoɔ wɔ, na ɛnyɛ wɔn a wɔde no kɔ owuo mu no mu baako.
19 A person of great wrath must pay the penalty; for if you rescue him, you will only have to do it again. Ɛsɛ sɛ onipa a nʼakoma ha no no tua so ka; sɛ woka ma no a wobɛyɛ bio.
20 Listen to counsel and accept discipline, that you may gain wisdom in the days to come. Tie afotuo na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awieeɛ no, wobɛhunu nyansa.
21 Many are the plans in a person's heart, but it is the counsel of our Father that will stand. Nhyehyɛeɛ bebree wɔ onipa akoma mu, nanso deɛ Awurade pɛ no na ɛba mu.
22 What is desired in a person is covenant love, and a poor person is better than a liar. Deɛ onipa pɛ ne nokorɛ dɔ; ɛyɛ sɛ wobɛyɛ ohiani sene sɛ wobɛyɛ ɔtorofoɔ.
23 The fear of our Father leads to life, and whoever has it rests satisfied, untouched by harm. Awurade suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.
24 The sluggard buries his hand in the dish and will not even bring it back to his mouth. Ɔkwadwofoɔ nsa ka ayowaa mu na ɔremma so mpo nkɔ nʼano!
25 Strike a mocker, and the simple will learn prudence; reprove a person of understanding, and he will gain knowledge. Twa ɔfɛdifoɔ mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; ka deɛ ɔwɔ nhunumu anim, na ɔbɛnya nimdeɛ.
26 Whoever does violence to his father and drives away his mother is a son who brings shame and disgrace. Deɛ ɔbɔ nʼagya korɔno na ɔpamo ne maame no yɛ ɔba a ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.
27 Stop listening to instruction, my son, and you will stray from the words of knowledge. Me ba, sɛ wogyae nkyerɛkyerɛ tie a, wobɛmane afiri nimdeɛ nsɛm ho.
28 A worthless witness mocks at justice, and the mouth of the wicked gulps down wickedness. Adansekurumni di atɛntenenee ho fɛw; na omumuyɛfoɔ ano mene bɔne.
29 Punishment is prepared for mockers, and beatings for the backs of fools. Wɔasiesie asotwe ama fɛdifoɔ, ne mmaabɔ ama nkwaseafoɔ akyi.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]