Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 20 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Wine is a mocker, strong drink a brawler, and whoever staggers under it is not wise. Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ; na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.
2 The terror of a king is like the growl of a lion; whoever provokes him to anger forfeits his own life. Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom; na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.
3 It is an honor for a person to keep clear of strife, but every fool is quick to quarrel. Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa, nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa.
4 A lazy person will not plow in autumn; so at harvest he looks for a crop and finds nothing. Onihafoɔ mfuntum nʼasase wɔ ne berɛ mu; enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee.
5 The purposes of a person's heart are deep waters, but one who has understanding draws them out. Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu, nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.
6 Many a person proclaims his own loyal love, but a faithful one—who can find? Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da, na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?
7 The righteous walk in their integrity; blessed are their children after them! Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron; nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.
8 A king seated on the throne of judgment winnows out all evil with his eyes. Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a, ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.
9 Who can say, "I have kept my heart pure; I am cleansed from my sin"? Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, “Mapra mʼakoma mu; meyɛ kronn na menni bɔne”?
10 Unequal weights and unequal measures—our Father detests them both. Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no Awurade kyiri ne mmienu.
11 Even a child is known by his actions, by whether his conduct is pure and upright. Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no, sɛ ne suban yɛ kronn ne papa.
12 The hearing ear and the seeing eye—our Father made them both. Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ, Awurade na wayɛ ne mmienu.
13 Do not love sleep, or you will grow poor; open your eyes, and you will have plenty of bread. Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia; ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.
14 "Worthless, worthless!" says the buyer—then off he goes and boasts of his bargain. Ɔtɔfoɔ ka sɛ, “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!” nanso sɛ ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho.
15 There is gold and an abundance of jewels, but lips that speak knowledge are a rare treasure. Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so, na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna.
16 Take the garment of one who puts up security for a stranger; hold it as a pledge when he does so for foreigners. Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ; sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.
17 Bread gained by deceit tastes sweet, but afterward the mouth is full of gravel. Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ, nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom.
18 Plans are established by counsel; so wage war only with wise guidance. Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ; sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.
19 A gossip betrays a confidence; so do not keep company with a babbler. Osekuni da kokoamsɛm adi; enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.
20 Whoever curses his father or mother—his lamp will be snuffed out in deepest darkness. Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a, wɔbɛdum ne kanea wɔ esum kabii mu.
21 An inheritance gained too quickly at the start will not be blessed in the end. Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ no renyɛ nhyira akyire no.
22 Do not say, "I will pay back evil for evil." Wait for our Father, and he will deliver you. Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!” Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo.
23 Our Father detests unequal weights, and dishonest scales are no good. Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa, na nsisie nsania nso nsɔ nʼani.
24 A person's steps are directed by our Father; how then can anyone understand his own way? Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo. Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?
25 It is a trap to rashly dedicate something and only later reconsider the vow. Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a, ɔsum ne ho afidie.
26 A wise king winnows out the wicked and drives the threshing wheel over them. Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ; na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so.
27 The human spirit is the lamp of our Father, searching every inmost part. Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu, ɛhwehwɛ ne mu baabiara.
28 Loyal love and faithfulness preserve a king; by loyal love his throne is upheld. Ɔdɔ ne nokorɛdie bɔ ɔhene ho ban; nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim.
29 The glory of the young is their strength, but the splendor of the old is gray hair. Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden, tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam.
30 Wounding blows scrub away evil, and beatings cleanse the inmost parts. Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛ mmaaka te akoma mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]