Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 21 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 The king's heart is a stream of water in our Father's hand; he turns it wherever he pleases. Ɔhene akoma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.
2 Every way of a person seems right in their own eyes, but our Father weighs the heart. Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari akoma.
3 To do what is right and just is more pleasing to our Father than sacrifice. Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.
4 Haughty eyes and a proud heart—the lamp of the wicked—are sin. Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma, ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!
5 The plans of the diligent lead surely to abundance, but all who are hasty end up in poverty. Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.
6 Making a fortune by a lying tongue is a fleeting vapor, a deadly trap. Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no yɛ huhuro ne owuo afidie.
7 The violence of the wicked will drag them away, because they refuse to do what is just. Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.
8 The way of the guilty is crooked, but the conduct of the pure is upright. Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.
9 Better to live in a corner of the roof than in a shared house with a quarrelsome wife. Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.
10 The soul of the wicked craves evil; their neighbor finds no mercy in their eyes. Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne; ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.
11 When a mocker is punished, the simple grow wise; when the wise are instructed, they gain knowledge. Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.
12 Our Father, the Righteous One, observes the house of the wicked and brings the wicked to ruin. Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu.
13 Whoever shuts their ears to the cry of the poor will also cry out and not be answered. Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.
14 A gift given in secret soothes anger, and a bribe slipped into the cloak calms strong wrath. Kokoam adekyɛ dwodwo akoma, kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.
15 When justice is done, it is a joy to the righteous but terror to those who do evil. Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.
16 A person who strays from the way of understanding will rest in the assembly of the dead. Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.
17 Whoever loves pleasure will become poor; whoever loves wine and oil will never grow rich. Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani; deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.
18 The wicked become a ransom for the righteous, and the treacherous for the upright. Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ, na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
19 Better to live in a desert land than with a quarrelsome and complaining wife. Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.
20 Precious treasure and oil are in the home of the wise, but a fool devours all he has. Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma, nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.
21 Whoever pursues righteousness and faithful love will find life, righteousness, and honor. Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.
22 A wise person scales the city of the mighty and brings down the stronghold they trust in. Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.
23 Whoever guards their mouth and tongue keeps themselves out of trouble. Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no ɔtwe ne ho firi amanenya ho.
24 "Mocker" is the name of the proud and arrogant who acts with outrageous insolence. Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ” ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ.
25 The craving of a lazy person kills him, for his hands refuse to work. Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no, ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.
26 All day long the craving grows, but the righteous give and do not hold back. Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree, nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.
27 The sacrifice of the wicked is detestable—how much more when brought with evil intent. Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
28 A false witness will perish, but whoever listens will testify with lasting effect. Adansekurumdini bɛyera, na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.
29 The wicked put on a bold face, but the upright give thought to their ways. Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.
30 There is no wisdom, no understanding, no counsel that can stand against our Father. Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.
31 The horse is made ready for the day of battle, but victory belongs to our Father. Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da, nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]