Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Proverbs 22 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 A good name is to be chosen rather than great riches, and favor is better than silver or gold. Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe; sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.
2 The rich and the poor meet together; our Father is the Maker of them all. Ɔdefoɔ ne ohiani wɔ adeɛ baako, Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ.
3 The prudent sees danger and takes cover, but the simple keep going and pay the price. Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho, nanso atetekwaa kɔ nʼanim kɔnya amane.
4 The reward for humility and the fear of our Father is riches and honor and life. Ahobrɛaseɛ ne Awurade suro ma ahonya ne animuonyam ne nkwa.
5 Thorns and snares lie in the path of the crooked; whoever guards his soul stays far from them. Nkasɛɛ ne mfidie wɔ amumuyɛfoɔ akwan so, nanso deɛ ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.
6 Train up a child in the way he should go, and even when he is old he will not depart from it. Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so, na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.
7 The rich rules over the poor, and the borrower is slave to the lender. Adefoɔ di ahiafoɔ so, na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.
8 Whoever sows injustice will reap calamity, and the rod of his fury will fail. Deɛ ɔdua amumuyɛsɛm no twa ɔhaw na wɔbɛsɛe nʼabufuhyeɛ abaa.
9 Whoever has a generous eye will be blessed, for he shares his bread with the poor. Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyira ɛfiri sɛ ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane.
10 Drive out the scoffer, and strife goes with him; quarreling and abuse will cease. Pam ɔfɛdifoɔ na basabasayɛ nso bɛkɔ; ntɔkwa ne atɛnnidie to atwa.
11 Whoever loves a pure heart and speaks graciously will have the king as his friend. Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyam bɛnya ɔhene afa no adamfo.
12 The eyes of our Father keep watch over knowledge, but he overturns the words of the traitor. Awurade ani wɛn nimdeɛ, na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm.
13 The lazy person says, "There is a lion outside! I will be killed in the streets!" Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!” anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.”
14 The mouth of forbidden women is a deep pit; whoever draws our Father's anger will fall into it. Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku; deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.
15 Foolishness is bound up in the heart of a child, but the rod of discipline drives it far away. Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho, nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri.
16 Whoever oppresses the poor to enrich himself, or gives to the rich, will come only to poverty. Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonya anaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.
17 Listen carefully to the words of the wise, and apply your heart to my knowledge, Yɛ aso na tie anyansasɛm yi; fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi,
18 for it will be pleasant if you keep them within you, if all of them are ready on your lips. ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wʼakoma mu, na ne nyinaa ada wʼano.
19 So that your trust may be in our Father, I have made them known to you today, even to you. Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so, merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo.
20 Have I not written for you thirty sayings of counsel and knowledge, Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo, deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,
21 to teach you what is right and true, so that you may give a true answer to those who sent you? a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho, sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa?
22 Do not rob the poor because he is poor, or crush the afflicted at the gate, Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti, na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ,
23 for our Father will plead their cause and will rob of life those who rob them. ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔn na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.
24 Do not befriend a man given to anger, and do not go with a hot-tempered man, Mfa obi a ne bo ha no adamfo, na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,
25 or you will learn his ways and entangle yourself in a snare. anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwan na woakɔtɔ afidie mu.
26 Do not be one of those who give pledges, who put up security for debts. Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu, anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;
27 If you have nothing to pay with, why should your bed be taken from under you? na sɛ wonni deɛ wɔde tua a wɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase.
28 Do not move the ancient boundary stone that your fathers set up. Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ; deɛ wo nananom de sisii hɔ no.
29 Do you see a man skillful in his work? He will stand before kings; he will not stand before ordinary men. Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa? Ahemfo anim na ɔbɛsom, na ɔrensom wɔ mpapahwekwaa anim.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]