Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Jonah 2 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Yona firii apataa no yam bɔɔ Awurade ne Onyankopɔn mpaeɛ sɛ. 2Ɔkaa sɛ,“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,na ɔgyee me so.Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoana wotiee me sufrɛ.

3Wotoo me twenee ebunu muwɔ ɛpo ase tɔnn,na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ;wʼasorɔkye ne mframabu faa me so.

4Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim;nanso mede mʼani bɛkyerɛwʼasɔredan kronkron no bio’

5Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu,ebunu no twaa me ho hyiaeɛ;ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.

6Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ;asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.Nanso wogyee me nkwa firii amena mu,Ao Awurade, me Onyankopɔn.

7“Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no,mekaee wo Awurade,na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn,wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.

8“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuo ho nohwere adom a anka ɛyɛ wɔn dea.

9Nanso me, mede ayɛyie nnwombɛbɔ afɔdeɛ ama wo.Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.Nkwagyeɛ firi Awurade.”

10Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]