Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Jonah 2 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Awurade ne Nyankopɔn mpae se,

2“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,na ogyee me so.Mifi ɔda ase tɔnn srɛɛ mmoana wutiee me sufrɛ.

3Wotow me kyenee bun muwɔ po ase tɔnn,na ɔhweam twaa me ho hyiae;wʼasorɔkye ne mframabu faa me so.

4Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim;nanso mede mʼani bɛkyerɛwʼasɔredan kronkron no bio’

5Nsu a abu afa me so no bɔɔ me hu,bun no twaa me ho hyiae;po mu nwura kyekyeree me ti ho.

6Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ;asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu,Awurade, me Nyankopɔn.

7“Bere a me nkwa resen akɔ no,mekaee wo Awurade,na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn,wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.

8“Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuw ho nohwere adom a anka ɛyɛ wɔn de.

9Nanso me, mede ayeyi nnwombɛbɔ afɔre ama wo.Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ.Nkwagye fi Awurade.”

10Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]