Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Jonah 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Then Jonah prayed to our Father from inside the fish: Yona wɔ apataa no yam no, ɔbɔɔ Awurade ne Nyankopɔn mpae se,
2 In my distress I called to my Father, and he answered me; from the grave's belly I cried for help, and you heard my voice. “Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade, na ogyee me so. Mifi ɔda ase tɔnn srɛɛ mmoa na wutiee me sufrɛ.
3 You hurled me into the deep, into the heart of the seas, and the currents swirled around me; all your breakers and your waves swept over me. Wotow me kyenee bun mu wɔ po ase tɔnn, na ɔhweam twaa me ho hyiae; wʼasorɔkye ne mframa bu faa me so.
4 Then I said, 'I have been driven away from your sight; yet I will look again toward your holy temple.' Na mekae se, ‘Woapam me afi wʼanim; nanso mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no bio’
5 The waters closed in over me to the point of death; the deep surrounded me; seaweed was wrapped around my head. Nsu a abu afa me so no bɔɔ me hu, bun no twaa me ho hyiae; po mu nwura kyekyeree me ti ho.
6 I sank down to the roots of the mountains; the earth shut its gates behind me forever. But you brought my life up from the pit, my Father. Memem kɔɔ mmepɔw no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wugyee me nkwa fii amoa mu, Awurade, me Nyankopɔn.
7 As my life was ebbing away, I remembered my Father, and my prayer rose to you, to your holy temple. “Bere a me nkwa resen akɔ no, mekaee wo Awurade, na me mpaebɔ foro baa wo nkyɛn, wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
8 Those who cling to worthless idols walk away from the love that could be theirs. “Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuw ho no hwere adom a anka ɛyɛ wɔn de.
9 But I will sacrifice to you with grateful praise; I will keep every vow I have made. Salvation belongs to our Father! Nanso me, mede ayeyi nnwom bɛbɔ afɔre ama wo. Nea mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagye fi Awurade.”
10 Then our Father spoke to the fish, and it vomited Jonah out onto the dry land. Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]