Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Jonah 2 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Then Jonah prayed to our Father from inside the fish: Yona firii apataa no yam bɔɔ Awurade ne Onyankopɔn mpaeɛ sɛ.
2 In my distress I called to my Father, and he answered me; from the grave's belly I cried for help, and you heard my voice. Ɔkaa sɛ, “Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade, na ɔgyee me so. Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoa na wotiee me sufrɛ.
3 You hurled me into the deep, into the heart of the seas, and the currents swirled around me; all your breakers and your waves swept over me. Wotoo me twenee ebunu mu wɔ ɛpo ase tɔnn, na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ; wʼasorɔkye ne mframa bu faa me so.
4 Then I said, 'I have been driven away from your sight; yet I will look again toward your holy temple.' Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim; nanso mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no bio’
5 The waters closed in over me to the point of death; the deep surrounded me; seaweed was wrapped around my head. Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu, ebunu no twaa me ho hyiaeɛ; ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.
6 I sank down to the roots of the mountains; the earth shut its gates behind me forever. But you brought my life up from the pit, my Father. Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ; asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ. Nanso wogyee me nkwa firii amena mu, Ao Awurade, me Onyankopɔn.
7 As my life was ebbing away, I remembered my Father, and my prayer rose to you, to your holy temple. “Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no, mekaee wo Awurade, na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn, wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
8 Those who cling to worthless idols walk away from the love that could be theirs. “Wɔn a wɔde wɔn ho bata ahoni huhuo ho no hwere adom a anka ɛyɛ wɔn dea.
9 But I will sacrifice to you with grateful praise; I will keep every vow I have made. Salvation belongs to our Father! Nanso me, mede ayɛyie nnwom bɛbɔ afɔdeɛ ama wo. Deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛyɛ. Nkwagyeɛ firi Awurade.”
10 Then our Father spoke to the fish, and it vomited Jonah out onto the dry land. Na afei, Awurade hyɛɛ apataa no ma ɔfee Yona too asase so.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]