Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 11 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Burodo A Ɛwɔ Nsuo Ani

1To wo burodo gu nsuo ani,na daakye bi wo nsa bɛka bio.

2Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe,ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so.

3Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a,ɛtɔ gu asase so.Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a,deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.

4Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua,na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.

5Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ,anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no,saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase.Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no.

6Dua wʼaba anɔpa,na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho,na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie,sɛ yei anaa yeianaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.

Kae Wo Ɔbɔfoɔ Wɔ Wo Mmeranteɛ Ɛberɛ Mu

7Hann yɛ fɛ;na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia.

8Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaaɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ.Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔnena ɛbɛdɔɔso.Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ.

9Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu,ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu.Di deɛ wʼakoma pɛne deɛ wʼaniwa hunu akyi,nanso hunu sɛ yeinom nyinaa hoOnyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu.

10Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma muna to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]