Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 11 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Wura Aguadi Pii Mu

1Fa wʼawi twa po;na daakye bi wubenya so mfaso.

2Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu,wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so.

3Sɛ nsu ayɛ omununkum mu ma a,ɛtɔ osu gu asase so.Sɛ dua bi bu hwe anafo fam anaa atifi fam a,nea ɛhwee no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.

4Obiara a ɔtwɛn wim nsakrae no rennua,na nea ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.

5Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so,anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no,saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase,ade nyinaa Yɛfo no.

6Dua wʼaba anɔpa,na anwummere nso ma wo nsa nna ho,na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye,sɛ eyi anaa eyi,anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.

Kae Wo Bɔfo Wɔ Wo Mmerante Bere Mu

7Hann yɛ fɛ;na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ohu owia.

8Mfe dodow a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaaɛsɛ sɛ onya ahotɔ.Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔnena ɛbɛdɔɔso.Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhude.

9Ma wʼani nnye, aberante, bere a woyɛ ɔbabun,ma wo koma mma wo anigye wɔ wo mmerantebere mu.Di nea wo koma pɛne nea wʼaniwa hu akyi,nanso hu sɛ eyinom nyinaa hoOnyankopɔn de wo bɛba atemmu mu.

10Enti yi adwennwen biara fi wo koma muna tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhude.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]