Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 35 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛw

1Nweatam ne asase a awo no ani begye;sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm.Te sɛ nhwiren no,

2ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu,wɔde Lebanon anuonyam bɛma noKarmel ne Saron ahoɔfɛ;wobehu Awurade anuonyam,yɛn Nyankopɔn tumi no.

3Hyɛ nsa a emu agow no mu den,hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den;

4Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se,“Monhyɛ mo ho den, na munnsuro;mo Nyankopɔn bɛba,ɔde aweretɔ bɛba;ananmuhyɛ a efi ɔsorobɛba abegye mo nkwa.”

5Ɛno na wobebue anifuraefo ani,na wɔama asotifo aso ate asɛm.

6Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote,na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu.Nsu betue wɔ sare so,na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.

7Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare,na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so.Atu a anka sakraman te mu no,ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.

8Na ɔtempɔn bɛda hɔ;wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan.Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so;ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so;amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.

9Gyata biara rentena hɔ,na akekaboa biara rensi so;wɔrenhu wɔn wɔ hɔ.Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,

10na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba.Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion;anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw.Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso,na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]