Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 35 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The wilderness and the dry land will be glad; the desert will rejoice and blossom like the crocus. Nweatam ne asase a awo no ani begye; sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm. Te sɛ nhwiren no,
2 It will blossom abundantly and rejoice with joy and singing. The glory of Lebanon will be given to it, the splendor of Carmel and Sharon. They will see the glory of our Father, the majesty of our Father. ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu, wɔde Lebanon anuonyam bɛma no Karmel ne Saron ahoɔfɛ; wobehu Awurade anuonyam, yɛn Nyankopɔn tumi no.
3 Strengthen the weak hands, and steady the buckling knees. Hyɛ nsa a emu agow no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den;
4 Say to those with an anxious heart, "Be strong; do not fear! Look, your Father will come with justice, with our Father's retribution. He will come and save you." Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se, “Monhyɛ mo ho den, na munnsuro; mo Nyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a efi ɔsoro bɛba abegye mo nkwa.”
5 Then the eyes of the blind will be opened, and the ears of the deaf unstopped. Ɛno na wobebue anifuraefo ani, na wɔama asotifo aso ate asɛm.
6 Then the lame will leap like a deer, and the tongue of the mute will sing for joy. For waters will break forth in the wilderness, and streams in the desert. Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu. Nsu betue wɔ sare so, na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.
7 The burning sand will become a pool, and the thirsty ground springs of water; in the haunt where jackals lie down, the grass will become reeds and rushes. Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare, na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.
8 And a highway will be there, a road, and it will be called the Way of Holiness. The unclean will not travel it; it belongs to the one who walks the way—even fools will not go astray. Na ɔtempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan. Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so; amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.
9 No lion will be there, nor will any ravenous beast travel on it; they will not be found there. But the redeemed will walk there, Gyata biara rentena hɔ, na akekaboa biara rensi so; wɔrenhu wɔn wɔ hɔ. Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,
10 and the ransomed of our Father will return. They will come to Zion with singing, everlasting joy upon their heads; gladness and joy will overtake them, and sorrow and sighing will flee away. na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba. Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw. Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso, na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]