Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 21 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The oracle of the wilderness of the sea. Like whirlwinds sweeping the Negev, it comes from the wilderness, a fearsome land. Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho: Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no, ɔtamfo bi fi nweatam so reba, ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.
2 A harsh vision has been shown to me: the betrayer betrays, and the destroyer destroys. Go up, Elam! Lay siege, Media! I have put an end to all the groaning she caused. Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me: Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade. Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim! Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.
3 Therefore my body is gripped with anguish; pangs have seized me, like the pangs of a woman in labor. I am too doubled over to hear, too terrified to see. Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu, ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no; nea metee no nti mintumi nnyina me nan so, nea mihu no ama me ho adwiriw me.
4 My heart staggers; horror overwhelms me. The twilight I longed for has turned to trembling for me. Me koma bɔ kitirikitiri, ehu ma me ho popo; na hann a mepɛɛ sɛ mihu no abɛyɛ aninyanne ama me.
5 They set the table, they spread the rugs, they eat, they drink. Rise up, you princes! Oil the shields! Wɔto pon, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam, wodidi, na wɔnom! Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo, momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!
6 For this is what the Sovereign Father said to me: "Go, station the watchman; let him report what he sees. Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me: “Fa ɔwɛmfo kogyina hɔ na ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.
7 When he sees riders, horsemen in pairs, riders on donkeys, riders on camels, let him watch closely, very closely." Sɛ ohu nteaseɛnam ne apɔnkɔ akuwakuw, wɔn a wɔtete mfurum so ne wɔn a wɔtete yoma so a, ɔnwɛn nʼaso, nwɛn no pa ara.”
8 Then the watchman cried out: "A lion! Upon the watchtower, O Sovereign Father, I stand continually by day, and at my post I keep watch all through the nights." Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, “Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no so Anadwo biara, migyina hɔ.
9 And look—here come riders, horsemen in pairs! And he answered, "Fallen, fallen is Babylon, and all the carved images of her gods lie shattered on the ground." Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfo no kae se, ‘Babilon ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’ ”
10 O my threshed people, child of my threshing floor, what I have heard from the Father of heaven's armies, I declare to you. Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea ase meka nea mate kyerɛ mo nea efi Asafo Awurade, nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.
11 An oracle about Dumah. Someone calls to me from Seir: "Watchman, what of the night? Watchman, what of the night?" Adehu a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me fi Seir, “Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ? Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”
12 The watchman says, "Morning comes, and also the night. If you would inquire, then inquire; come back again." Ɔwɛmfo no bua se, “Ade rekye, nanso ade bɛsa. Sɛ wubebisa bio a san bra bebisa.”
13 The oracle concerning Arabia. In Arabia's thickets you will spend the night, you Dedanite caravans. Adehu a ɛfa Arabia ho: Mo Dedan akwantufo a mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,
14 Bring water to the thirsty; you who live in the land of Tema, bring bread to the fugitive. Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn; mo a motete Tema, mommrɛ aguanfo no aduan.
15 For they have fled from the swords—from the drawn sword, from the bent bow, and from the weight of battle. Woguan fi afoa a watwe tadua a wɔakuntun mu ne ɔko a egyina mu ano.
16 For the Sovereign Father told me: "Within a year, as a hired worker counts it, all Kedar's glory ends. Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa.
17 The remaining archers, Kedar's warrior sons, will be few, for our Father has spoken." Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]