Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 21 OASCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho:Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no,saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba.Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.

2Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me:Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ.Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim!Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.

3Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu,ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no;deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so,deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.

4Mʼakoma bɔ paripari,ehu ma me ho popo;na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu noabɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.

5Wɔto ɛpono,wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,wɔdidi, na wɔnom!Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!

6Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔna ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.

7Sɛ ɔhunu nteaseɛnamne apɔnkɔ akuakuo,wɔn a wɔtete mfunumu sone wɔn a wɔtete nyoma so a,ɔnwɛn nʼasowɛn pa ara.”

8Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no soanadwo biara, megyina hɔ.

9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yiɔne apɔnkɔ dɔm.Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!Nʼanyame ne nʼahoni nyinaaabubu agu fam!’ ”

10Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ asemeka deɛ mateɛ kyerɛ mo,deɛ ɛfiri Asafo Awurade,deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

11Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:Obi frɛ me firi Seir,“Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”

12Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ,“Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.Sɛ wobɛbisa bio asane bra bɛbisa.”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Arabia

13Adehunu a ɛfa Arabia ho:Mo Dedan akwantufoɔ amosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,

14Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;mo a motete Tema,mommrɛ adwanefoɔ aduane.

15Wɔdwane firi akofena a watwetadua a wɔakuntun mune ɔko a ɛgyina mu ano.

16Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa. 17Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]