Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 21 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho:Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no,ɔtamfo bi fi nweatam so reba,ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.

2Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me:Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade.Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim!Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.

3Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu,ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no;nea metee no nti mintumi nnyina me nan so,nea mihu no ama me ho adwiriw me.

4Me koma bɔ kitirikitiri,ehu ma me ho popo;na hann a mepɛɛ sɛ mihu noabɛyɛ aninyanne ama me.

5Wɔto pon,wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam,wodidi, na wɔnom!Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo,momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!

6Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:“Fa ɔwɛmfo kogyina hɔna ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.

7Sɛ ohu nteaseɛnamne apɔnkɔ akuwakuw,wɔn a wɔtete mfurum sone wɔn a wɔtete yoma so a,ɔnwɛn nʼaso,nwɛn no pa ara.”

8Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se,“Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no soAnadwo biara, migyina hɔ.

9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yiɔne apɔnkɔ dɔm.Na ɔwɛmfo no kae se,‘Babilon ahwe ase, wahwe ase!Nʼanyame ne nʼahoni nyinaaabubu agu fam!’ ”

10Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea asemeka nea mate kyerɛ monea efi Asafo Awurade,nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

11Adehu a ɛfa Duma ho:Obi frɛ me fi Seir,“Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ?Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”

12Ɔwɛmfo no bua se,“Ade rekye, nanso ade bɛsa.Sɛ wubebisa bio asan bra bebisa.”

Nkɔmhyɛ A Etia Arabia

13Adehu a ɛfa Arabia ho:Mo Dedan akwantufo amosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,

14Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn;mo a motete Tema,mommrɛ aguanfo no aduan.

15Woguan fi afoa a watwetadua a wɔakuntun mune ɔko a egyina mu ano.

16Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa. 17Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]