Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 22 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 An oracle concerning the Valley of Vision. What is the matter with you now, that you have all gone up to the rooftops, Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no: Dɛn na ɛhaw mo mprempren, a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,
2 you town full of noise, you wild, chaotic city, you reveling town? Your dead were not killed by the sword, nor did they die in battle. kurow a basabasayɛ ahyɛ no ma, huuyɛ ne ahosɛpɛw kuropɔn? Ɛnyɛ afoa ano na wʼatɔfo hweree wɔn nkwa, na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso.
3 All your rulers fled together; they were captured without a bow being drawn. All of you who were found were taken captive together, though you had fled far away. Mo akannifo nyinaa abɔ mu aguan; wɔamfa tadua ankyekye wɔn. Mo a wɔkyeree mo nyinaa wɔfaa mo nneduafo mo a muguan wɔ bere a na atamfo no wɔ akyirikyiri.
4 So I said, "Look away from me; let me weep bitterly. Do not try to comfort me over the ruin of the daughter of my people." Enti mekae se, “Mumfi me so na mintwa adwo. Monnkyekye me werɛ wɔ me nkurɔfo sɛe ho.”
5 For the Father of heaven's armies has a day of tumult and trampling and confusion in the Valley of Vision—walls battered down and a cry for help echoing to the mountains. Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi ma huuyɛ, ntiatiaso ne ehu wɔ Anisoadehu Bon no mu, da a wɔde bubu afasu na wɔde su kyerɛ mmepɔw.
6 Elam took up the quiver with chariots and horsemen, and Kir bared their shields. Elam fa bɛmma no ka ne nteaseɛnamkafo ne apɔnkɔ ho; Kir ama kyɛm no so.
7 Your choicest valleys were full of chariots, and the horsemen took their positions at the gates. Nteaseɛnam ayɛ mo bon fɛfɛ no ma, na wɔde apɔnkɔsotefo agyinagyina kuropɔn apon no ano.
8 Our Father stripped away the defenses of Judah. And in that day you looked to the weapons in the House of the Forest, Wɔayi Yuda ho bammɔ no. Na da no wode wʼani too akode a ɛwɔ Kwae mu Ahemfi no so;
9 and you saw how many breaches there were in the city of David. You collected the water of the lower pool, wuhuu sɛ Dawid Kuropɔn no, akwan bebree deda ne bammɔ mu woboaa nsu ano wɔ Ase Abura mu.
10 and you counted the houses of Jerusalem and tore some down to fortify the wall. Wokan adan a ɛwɔ Yerusalem no na wudwiriw afi de boaa ɔfasu no ahoɔden.
11 You built a reservoir between the two walls for the water of the old pool, but you did not look to the One who made it, nor consider our Father who planned it long ago. Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe, na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.
12 In that day the Father of heaven's armies called for weeping and mourning, for shaved heads and mourning clothes. Awurade, Asafo Awurade, frɛɛ wo saa da no sɛ su na twa adwo, sɛ yi wo tinwi na fura atweaatam.
13 But instead there was joy and celebration, slaughtering cattle and killing sheep, eating meat and drinking wine: "Let us eat and drink, for tomorrow we die!" Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ; wokunkum anantwi ne nguan; wɔwe nam na wɔbow nsa! Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom, efisɛ, ɔkyena yebewu!”
14 The Father of heaven's armies has revealed this to me: "Surely this sin will not be wiped away from you until you die," says the Father of heaven's armies. Awurade, Asafo Awurade ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade se ni.
15 This is what the Father of heaven's armies says: Go to this steward, Shebna, who is over the household, and say to him: Sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se, “Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfo yi, Sebna a, ɔhwɛ ahemfi no so se,
16 What are you doing here, and who gave you the right to be here, that you have cut out a tomb for yourself here—carving your grave high up on the heights, chiseling your resting place in the rock? Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo da wɔ ha, worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?
17 Look, our Father is about to hurl you away violently, you strong man; he will seize firm hold of you. “Hwɛ yiye, na Awurade rebeso wo mu den atow wo akyene, wo ɔhoɔdenfo.
18 He will wind you up tightly and fling you like a ball into a vast open land. There you will die, and there your splendid chariots will lie—you disgrace to your master's house. Ɔbɛbobɔw wo, ama woayɛ kurukuruwa, na watow wo akyene ɔman kɛse bi so hɔ na wubewu na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, wo a woyɛ ahohora ma wo wura fi!
19 I will depose you from your office, and you will be pulled down from your post. Megye wʼadwuma afi wo nsa mu na wɔayi wo afi wo dibea so.
20 In that day I will summon my servant Eliakim son of Hilkiah, “Saa da no, mɛfrɛ me somfo Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima.
21 I will clothe him with your robe and fasten your sash on him, and I will hand your authority over to him. He will be a father to the people of Jerusalem and to the house of Judah. Mede wʼatade yuu bɛhyɛ no na mede wʼabɔso abebare nʼasen mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda fi.
22 I will place the key of the house of David on his shoulder; what he opens no one will shut, and what he shuts no one will open. Mede Dawid fi safe bɛma no; nea obebue no obiara rentumi nto mu; na nea ɔbɛto mu nso a obiara rentumi mmue.
23 I will drive him in like a peg in a firm place, and he will become a seat of honor for his father's house. Mɛbɔ ne so sɛ pɛe ama watim, ɔbɛyɛ anuonyam agua ama nʼagya fi.
24 They will hang on him the whole weight of his father's house—the offspring and the offshoots, every small vessel, from the bowls to all the jars. Nʼabusua anuonyam nyinaa begyina ne so: nʼasefo ne ne nenanom, ne nkuku ne nkaka, fi nsanka, mprɛte so kosi nhina nyinaa so.
25 In that day, declares the Father of heaven's armies, the peg driven into the firm place will give way; it will be cut down and fall, and the load hanging on it will be cut off—for our Father has spoken. “Saa da no,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, Awurade, akasa!”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]