Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Hosea 11 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel

1“Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no,na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii.

2Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no,saa ara na woguan fii me nkyɛn.Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni,na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.

3Me na migyigyee Efraim taataa,turuu wɔn wɔ me basa so;nanso wɔnkae sɛme na mesaa wɔn yare.

4Me de ayamye hamane ɔdɔ dii wɔn anim;miyii konnua no fii wɔn kɔn muna mekotow maa wɔn aduan dii.

5“Wɔbɛsan akɔ Misraim,na Asiria adi wɔn so,esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti.

6Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn muna ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adabanna wɔn nhyehyɛe to betwa.

7Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn.Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo ameremma wɔn so ɔkwan biara so.

8“Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim?Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel?Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?Me koma asakra wɔ me mu;na mʼahummɔbɔ ahwanyan.

9Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade,na merennan me ho nsɛe Efraim bio.Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa.Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu.Meremma wɔ abufuw mu.

10Wobedi Awurade akyi.Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata.Na sɛ ɔbobɔ mu a,ne mma de ahopopo befi atɔe aba.

11Wɔde ahopopo bɛbate sɛ nnomaa a wofi Misraim,te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria.Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,”sɛnea Awurade se ni.

Israel Bɔne

12Efraim de atoro atwa me ho ahyia,Israelfi nso wɔde nnaadaa.Yuda abɔ Onyankopɔn so kompo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]